Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/15 kr. 31-32
  • Wɔde “Nkwa Abotiri” Atua No Ka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔde “Nkwa Abotiri” Atua No Ka
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/15 kr. 31-32

Wɔde “Nkwa Abotiri” Atua No Ka

WƆKA kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ɔnkyerɛw nkɔma Smirna asafo no bɔfo sɛ: “Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adiyisɛm 2:8, 10) Enti, ɛyɛ awerɛhosɛm ne anigyesɛm sɛ yɛde amanneɛbɔ bɛma wɔ ha sɛ Frederick William Franz, Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., ne teokrase akuw afoforo titrani no wiee n’asase so dwumadi December 22, 1992, anɔpa.

Ɛyɛ amannɛebɔ a ɛyɛ awerɛhow efisɛ ɛka Yehowa akoa nokwafo titiriw bi a wɔdɔ no yiye asase so dwumadi awiei ho asɛm. Nanso, ɛyɛ amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye nso efisɛ Adiyisɛm 14:13 mu nsɛm yi abam wɔ yɛn dɔfo Onua Franz so mprempren: “Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Honhom no se: Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.” Ná Onua Franz brɛ ne ho ase, na na ɔyɛ ɔsomfo a ɔyɛ adwuma denneennen na ɔsow aba yiye a Yehowa Nyankopɔn de no dii dwuma kɛse sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no muni ma ɔboae ma wɔde honhom mu aduan maa “asomfo” no ne wɔn ahokafo.​—Mateo 24:45-47.

Wɔwoo Onua Franz September 12, 1893, wɔ Covington, Kentucky. Ɔnam ne nua panyin bi so na ɔtee nokware no ho asɛm. Saa bere no na ɔkɔ Cincinnati Sukuupɔn, a na ɔresua ade abɛyɛ Presbifo sɔfo. Nanso, ogyaee Presbi Asɔre no na ɔde ne ho bɛbɔɔ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Wɔbɔɔ no asu November 30, 1913, na afe a edi hɔ no, ogyaee sukuupɔn no de ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. Ɔbɛyɛɛ Brooklyn Betel abusua no muni wɔ June 1, 1920 mu. Bere tiaa bi akyi no, wɔma ɔhwɛɛ akwampaefo dwumadi ho nkrataakyerɛw ne kyerɛwtohɔ so, na wɔ 1926 mu no, woyii no kɔɔ samufo dwumadibea, na ɔyɛɛ adwuma ma ɛsow aba pii. Ɔbɛyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ne akuw a ɛka ho no titrani abadiakyiri wɔ 1945 mu. Bere a Nathan H. Knorr, a na ɔyɛ otitrani saa bere no wui wɔ 1977 mu no, ɔbɛyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, na ɔkɔɔ so som saa kosii ne wuda. Wɔ Onua Franz nkwa nna mu no, ohuu sɛnea Yehowa Adansefo dodow kɔɔ anim fi mpem kakraa bi beduu bɛyɛ ɔpepem anan ne fã. Onyaa ɔsom mu hokwan ahorow pii, na ebi ne sɛ ɔkasae wɔ amanaman ntam nhyiam horow ase, ɔkɔsrasraa baa dwumadibea ne Betel afie ahorow wɔ wiase afã horow pii. N’asetra mu nsɛm puei wɔ May 1, 1987 The Watchtower mu.

Dwoda anwummere wɔ December 28, 1992, mu no, wɔmaa n’ayi ase ɔkasa wɔ Brooklyn Betel Ahenni Asa so. Onua Albert D. Schroeder a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa ɔkasa a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ den honhom mu. Betel mmusua a wɔwɔ Betel afie mu wɔ Watchtower Farms, Patterson, Mountain Farm, ne Kingdom Farm, ne Betel fie a ɛwɔ Canada baa dwumadibea no nam telefon so tiee bi.

Yɛn nyinaa, ne tititiw wɔn a wɔne Onua Franz yɛɛ adwuma boom no ani begyina no yiye. Ná ɔwɔ ntease, ɔhyɛ afoforo nkuran, na na ɔwɔ boasetɔ ma obiara a ɔne no somee na ɔne no tuu kwan. Nokwarem no, ne mfɛfo gyidifo tiee no sɛnea Hebrifo 13:7 ka no: “Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo; monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.”

December 30, 1992 no, wɔpaw Onua Milton G. Henschel sɛ onsi Onua Franz ananmu sɛ Asafo ti no titrani a ɔto so anum.

[Mfonini wɔ kratafa 31, 32]

Frederick W. Franz wɔ 1913 mu

Wɔ Asafo ti no Myrtle Avenue factory wɔ 1920 mu

Ɔne Nathan H. Knorr wɔ Yankee Stadium wɔ 1953 mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena