Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 10/1 kr. 32
  • ‘Ɔsoro Pae Mu Ka . . . ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔsoro Pae Mu Ka . . . ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 10/1 kr. 32

‘Ɔsoro Pae Mu Ka . . . ’

Owia no bɔ wɔ wim te sɛ nea ogya hyerɛn no wɔ baabi a ɛne faako a wowɔ mprempren no mu twe bɛyɛ kilomita ɔpepem 150. Yɛn yɔnko nuonyamfo a ɔwɔ soro yi a wɔasom no sɛ onyame mfe mpempem pii ni no di ne Bɔfo, “ɔsoro ne asase Yɛfo” no tumi ho adanse mmom. (Dwom 115:15) Sɛnea ɛhyerɛn ne sɛnea ɛyɛ hyew no ho hia ma nkwa wɔ asase so. Na nokwasɛm ahorow a anyansahufo ahu wɔ ho no ma yɛn ho dwiriw yɛn.

Wɔka kyerɛ yɛn sɛ owia no ma ahoɔden a ɛdɔɔso yiye. So wunim sɛ ɔhyew ne hann a efi mu ba no mu nea ennu ne nkyem ɔpepepem mu fã na ɛba asase no so? Nanso saa nkyekyem no ano den si horsepower 240,000,000,000,000!

Ɛyɛ dɛn na owia no tumi nya saa ahoɔden yi nyinaa? Ɛdenam nuklea ogya fononoo bi a ɛwɔ mu a ɛma enya ahoɔden denam mframa a wɔfrɛ no hydrogen tɔn ɔpepem anan a egye anibu biara mu no so. Anigyesɛm ma adesamma ne sɛ owia no wɔ ahoɔden a ɛdɔɔso a ɛbɛma adeyɛ yi akɔ so mfe ɔpepepem pii.

Nneɛma bi a anyansahufo ahu no ma nsemmisa afoforo sɔre. Sɛ nhwɛso no, owia no wosow bere nyinaa, te sɛ dade tratraa a wɔde asae abɔ so. Dɛn ntia?Susuw eyi nso ho: Owia no mfinimfini a ɛdɛw no ne ne fã a ɛyɛ hyew sen biara, na dodow a ɔfã bi mmɛn mfinimfini no, dodow no ara na saa fã no anohyew kɔ fam. Nanso sɛ yɛba mframa a atwa owia no ho ahyia a wɔfrɛ no corona no so a, ɛno sakra. Corona no yɛ hyew sen afã horow a ɛbɛn owia no mfinimfini a ɛdɛw no. Dɛn ntia?

Bio nso, bere a​—te sɛ asase no​—owia no twa ne ho no, afã horow bi twa wɔn ho ntɛmntɛm sen afã afoforo. Sɛ nhwɛso no, ɔfã a ɛwɔ ani no twa ne ho ntɛmntɛm sen ɔfã horow a ɛwɔ mu no. Dɛn ntia? Na ɛyɛ dɛn na etumi yɛ saa? Afei nso owia so akam no wɔ hɔ. Saa akam a ɛwɔ owia no so no ba na ɛkɔ wɔ kyinhyia bi a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ mfe 11 mu no mu. Dɛn nti na nsakrae no kɔ so pɛpɛɛpɛ saa?

Ɛwom sɛ pii wɔ hɔ a afei na yebesua wɔ owia no ho de, nanso nea yɛahu dedaw no ma yɛde ahodwiriw susuw ne Bɔfo, Yehowa ho. Bere biara a yehu owia no, ɛkae yɛn sɛ “ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.”​—Dwom 19:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena