Nhyehyɛe a Ɛma Wɔsan Ba
‘OBUU wɔn bɛ sɛ.’ Saa na Bible no da bɛ abiɛsa a Yesu buu faa mmɔborohunu ho, a ɛfata sɛ wɔkae no adi—oguan a ɔyerae, dwetɛbona a ɛyerae, ne ɔba hohwini no.—Luka 15:3-32.
April 15, 1991 (Vol. 112, No. 8) Ɔwɛn-Aban no hwehwɛɛ mmebu no mu, na ɛboaa akenkanfo pii ma wohuu sɛnea wobetumi ayi mmɔborohunu adi akyerɛ nnɛ. Wɔtwee adwene sii kɔ a honhom mu nguanhwɛfo bedi kan akɔ nnipa a wɔatu wɔn, nanso ebia wɔbɛyɛ ayamye mu a wofi kɔ wɔn nkyɛn ho ade ɔkwan pa so no nkyɛn so titiriw. Dɛn na afi nsɛm yi ne nhyehyɛe foforo no mu aba?
Wotintim nsɛmma nhoma no wiei akyi pɛɛ no, ɔbarima bi a ɔwɔ Washington mantam mu wɔ U.S.A. kyerɛwee sɛ: “Me nsa kaa Yehowa adɔe bebree no ho adanse wɔ me post office adaka mu nnɛ. Mede m’aniwam nusu ne komam anigye wɔ nsiesiei ne nsakrae a Ɔsorosoroni no ayɛ no ho na ɛte ha. Onyankopɔn a ɔteɛ ampa nkutoo na obetumi de mmoa ama wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔayera no. . . . Yiw, wɔatu me, nanso wɔreyɛ asan agye me.” Wɔsan gyee no wɔ October mu.
Na afoforo a asafo mu mpanyimfo baanu kɔɔ wɔn nkyɛn no nso ɛ? Ɔyere bi a ɔyɛ Kristoni kyerɛwee sɛ: “Merentumi nka sɛnea mete nka. Bɛyɛ mfe 13 ni a wotuu me kunu. Mpanyimfo no baa ne nkyɛn sɛnea wɔahyɛ ho nyansa wɔ asɛm no mu no. Mfe pii ni no, nnɛra anadwo ne bere a edi kan a wakɔ nhyiam horow no biako. Mprempren ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsakra n’asetra na wasan aba.”
Bere a ahwɛfo akwantufo srasra asafo ahorow no, wohu nea afi mu aba. Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛw nnansa yi sɛ:
“Bere a wotintim April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no, nnipa pii susuw nea wɔde bɛyɛ mpanyimfo a wɔrekɔ wɔn nkyɛn no ho. Mmuae no ada adi kɛse.
“Wɔ yɛn mansin no mu no, asafo anan a etwa to a mekɔsraa wɔn no ahu sɛ nnipa baakron asan aba Ahenni Asa so. Ɛwom sɛ wɔn mu biako pɛ na wɔasan agye no de, nanso baawɔtwe a wɔaka no renya nkɔso a ɛsɔ ani. Mpanyimfo ne asafo no ani agye sɛ wohu aba a afi wɔn adwuma no mu aba, ne nyansa a ɛwɔ teokrase akwankyerɛ a wɔde di dwuma no mu no.
“Yedi nhyehyɛe pa a mmɔborohunu wom ho ahurusi. Sɛnea onuawa biako a wɔasan agye no kae no, ‘Na minni akokoduru a ɛbɛma m’ankasa asan aba, efisɛ na mete nka sɛ wɔabu me fɔ wɔ Yehowa anim. Nanso bere a mpanyimfo no baa me nkyɛn no, na ɛne nkuranhyɛ a mihia na masan aba.’ Anigye a ɔwɔ no ahyɛ asafo no nkuran kɛse.”
Sɛ pii a wɔkɔ wɔn nkyɛn no mpo nyɛ ho hwee a, ɛda adi sɛ wɔnam mmɔborohunu adeyɛ yi so reyɛ nneɛma pa. Enti, efi September rekɔ no, asafo biara mu mpanyimfo bɛsan ahwɛ wɔn asasesin no mufo a wɔatu wɔn no din, na wɔayɛ nhyehyɛe akɔ wɔn a wɔte nka sɛ ebia wɔbɛyɛ mmɔborohunu a wɔbɛda no adi no ho biribi no nkyɛn.