Ayaresabea A Agye Din Wɔ Abakɔsɛm Mu Adan Ahenni Asa A Ɛda Nsow
Na Engiresini sraani panyin James Cook a okyin hwehwɛ nsase afoforo so, de hyɛn Endeavor a emu duru yɛ nkaribo tɔn 369 nam Australia apuei fam mpoano a wɔnkɔhwehwɛɛ hɔ no wɔ 1770 mu. June 11 anwummere no, hyɛn no kɔpem po mu ɔbotan bi wɔ akyirikyiri baabi wɔ asasehyɛn no ho so sɛee kɛse. Sɛ na hyɛn no mufo benya nkwa a, na ɛho hia sɛ wosiesie no ntɛm. Beae bi a asubɔnten bi a ɛbɛn hɔ bɔ po no mu bɛyɛɛ baabi a wobesiesie hyɛn no, na egyee adapɛn asia. Mfe ɔha ne abiɛsa akyi no, wohuu sika kɔkɔɔ wɔ hɔnom. Saa bere no na nkurɔfo da so ara kyin hwehwɛ sika kɔkɔɔ! Nnipa mpempem pii baa hɔ bɛhwehwɛɛ ahonyade. Wɔkyekyee Cooktown.
Wɔ 1879 mu no, aban no maa kwan sɛ wonsi ayaresabea a ɛbɛtra hɔ daa a wobɛhwɛ ayarefo ne wɔn a wobepira wɔ sika no tu mu wɔ hɔ. Saa afe no ara mu, July 1 no, wotintim Zion’s Watch Tower a edi kan wɔ wiase no fã foforo. Efi saa bere no, nsɛmma nhoma yi de nnipa ɔpepem pii a wosuro Onyankopɔn honhom mu akwahosan ho dwumadi ama. Wɔanhu saa bere no sɛ Cooktown ayaresabea dan no ne nsɛmma nhoma yi benya abusuabɔ a emu yɛ den da koro.
Bɛboro mfe ɔha akyi no, na ehia sɛ wɔsan si Cooktown Ayaresabea no foforo. Na aban no wɔ sika a wɔde besi ɔdan foforo wɔ hɔ, enti wɔde too gua sɛ wɔn a wɔpɛ ayaresabea dan dedaw no ne aban mmɛka ho asɛm na wontu mfi hɔ nkosi baabi foforo. National Trust of Queensland kyerɛɛ ɔdan a agye din yi ho anigye kɛse. Nanso na sika a wɔbɛsɛe wɔ ɔdan no a wobetu de akosi baabi foforo na wɔasan asiesie no ho no dɔɔso dodo. Obiara ammɛka ho asɛm.
Bɛyɛ bere no ara mu no, na Cooktown Yehowa Adansefo Asafo ketewa no rehwehwɛ baabi a wɔbɛyɛ wɔn Kristofo nhyiam horow daa. Na wonni asase, na na Australiafo dɔla 800 pɛ na wɔwɔ. Wɔbɛyɛ dɛn atumi asi Ahenni Asa bi? Kurom hɔ asafo no ananmuisfo de wɔn ho mae sɛ wobetu ayaresabea dan no akosi baabi, na wontua hwee. Yehowa bɛkyerɛ nsɛm kwan dɛn? Anigyesɛm bɛn ara ni! Wɔpenee nea wɔkae no so!
Afei asɛm a edi hɔ—asase a wɔde ɔdan no besi so. Yiw, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛte sɛ nea aban no bɛma wɔn asase a wɔrentua hwee wɔ ho, sɛ wɔbɛkora ɔdan no so asiesie no nkutoo a. Nanso, ebeduu saa bere yi no, na sɔre a kurom hɔfo a wɔmpɛ wɔn asɛm sɔre tia adwuma a wɔrebɛyɛ no reyɛ kɛse. Wɔkyerɛw adesrɛ bi a na wɔde besiw Adansefo no nhyehyɛe no ano. Wɔkaa atosɛm kyinkyin sɛ Yehowa adansefo begye Cooktown afa, atoto ahohɔdan ne beae a wɔtow kyakya nyinaa mu, na wɔabara tawa tɔn. Nokwarem no, amma saa da, nanso na asase no a wɔbɛma wɔasan akyekyem, na wɔagye nkrataa a ɛho hia a ɛkyerɛ sɛ wɔapene no so no kɔɔ so yɛɛ den. Na bere a wɔde maa wɔn sɛ wontu ɔdan no mfi hɔ no rebɛn ntɛmtɛm. Wobisae sɛ Queensland Ɔmantam Aban no mfa ne ho nnye asɛm no mu. (Fa toto Romafo 13:2 ho) Wɔmaa wɔn kwan ntɛm ara sɛ wɔmfa ɔdan no nkosi aban asase so, na wɔmaa wɔn adansi tumi krataa. Bere a wɔn nsa kaa asase ne ɔdan no, na dɛn na aka sɛ wɔyɛ afei?
Adansefo akuw ɔhaha pii, adwumfo ne wɔn aboafo a wɔde wɔn ankasa bere bɛyɛ adwuma kwa, a wɔn ho akokwaw wɔ Ahenni Asa a wosi no ntɛmtɛm mu fi Queensland ɔmantam no mmeaemmeae bae. Na nsɛnnennen atitiriw bi wɔ adwuma yi yɛ mu: ayaresabera abansoro dan a ɛtoa so abien afã horow a wobetu akɔ beae rebɛn ntɛmtɛm, na na osu akɛse rebɛtɔ. So wobewie adwuma no wɔ bere ano? Ná kurom hɔfo binom nnye nni sɛ wobetumi ayɛ saa. Nanso, ankyɛ wotumi yɛɛ nea ɛte sɛ nea wontumi nyɛ no. Wosii ɔdan no wiei wɔ April 1986 mu, na ɛno akyi no, wɔsan siesiee no sɛ kan de no.
Nkurɔfo huu dwumadi yi nyinaa, sɛnea asɛm a wɔkae wɔ Anglican Newsletter mu wɔ Cooktown da no adi no. Ne fã bi se: “Akyinnye biara nni so sɛ wɔbɛkasa atia me, nanso . . . hwɛ Asɔre no mu, na hwɛ sɛnea nnipa sua wom, hwɛ kuw foforo no [Yehowa Adansefo], na hwɛ sɛnea nnipa pii kɔ wɔn nhyiam horow . . . Anglikanfo ne Roman Katolekfo pii kɔ wɔn nhyiam horow. . . So wunim sɛ ahyehyɛde bi. . . atɔ Ayaresabea dedaw no na wɔreyɛ no nea wobetumi afrɛ no asɔredan, efisɔ wɔn nyinaa nkɔ Sukuu dan no mu?. . . Hwɛ sɛnea yɛayɛ mmerɛw, sɛ yɛama kwan ma eyi aba saa.”
Nsrahwɛfo mpempem pii bɛsra Cooktown afe biara. Wɔbɛhwɛ kwae fɛfɛ no ne Great Barrier Reef no, no wobesua ɛhɔnom ho abakɔsɛm. Nsrahwɛfo no mu fã kɛse ara ni gye Captain Cook Museum no ho yiye. Efi 1989 reba no, Cooktown Ayaresabea a agye din wɔ Abakɔsɛm mu, a wɔasi no foforo sɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa no nso ayɛ beae a nsrahwɛfo ani gye ho kɛse. Aguadi adan a wɔtɔn nkaede wom tɔn mpopaho a wɔde popa nneɛma mu ne T-hyɛt a Cooktown Ayaresabea-Ahenni Asa no mfonini wom. Sɛ edu bere a nsrahwɛfo bɛhwɛ a, nnipa ahasia kosi apem na wɔbɛhwɛ ɔdan no ne ne 1879 adwini no dapɛn biara.
Wɔde nsɛmma nhoma a mpremprem wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban no ma nsrahwɛfo kwa. Efi 1879 reba no, nsɛmma nhoma yi mu nea wotintim no dapɛn abien biara no dodow abedu ɔpepem 15 ne akyi wɔ kasa horow 111 mu. Ɛtwe nkurɔfo adwene si Bible mu bɔhyɛ a ese 1914 awo ntoatoaso no mu nnipa bi bɛtra nkwa mu ahu honam fam ne honhom fam akwahosan a adesamma bɛsan anya no. (Yesaia 33: 24) Nnipa a wotu wɔn ho ma ɔpepem pii bɛdan asase no paradise. (Dwom 37:29) Dɛn nti na wonkɔ wo mpɔtam hɔ Ahenni Asa no so? Wubehu biribi a ɛsom bo kɛse sen sika kɔkɔɔ a wɔatu pɛn wɔ Cooktown mansin mu no nyinaa.—Mmebusɛm 16:16.