Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Asɛmpa a Efi Europa Apuei Fam
NSƐM a ɛyɛ anigye pii resisi wɔ Europa Apuei Fam teokrase asasesin no mu. Nea ɛda nsow kɛse wom ne amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Zagreb, August 16-18, 1991 mu, bere a Adansefo 7,300 maa wɔn nuanom a wofi aman 15 so akwaaba anigye so no. Nnipa a wɔkɔe no nyinaa dodow yɛ 14,684. Na ɛyɛ ɔdɔ ne biakoyɛ a wɔda no adi anwonwa kwan so wɔ ɔman a basabasayɛ aba hɔ no mu!
Europa Apuei Fam Adansefo no reka Yehowa Ahenni a wonim sɛ ɛno nkutoo na ɛde nokware asomdwoe bɛba no ho asɛmpa akyerɛ afoforo a adagyew nnim. Wɔ mmeae binom no, afã biara a wonni gyinabea no a wɔbɛkɔ so akura mu no yɛ asɛnnennen ankasa ma wɔn. Nanso, nkurɔfo taa tie wɔn, na Adansefo no de osuahu a ɛyɛ anigye pii ho amanneɛbɔ ma.
Wɔ kurow bi mu no, abeawa bi a wadi mfe 16 tee asɛmpa no fii Yehowa Ɔdansefo biako pɛ a ɔwɔ saa kurow no mu no nkyɛn. Wofii Bible adesua a wɔyɛ no daa ase, na anisɔ a ɔwɔ ma nokware no kɔɔ so yɛɛ kɛse. Esiane sɛ na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛka nneɛma a ɛyɛ anigye a wasua no ho asɛm akyerɛ afoforo nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne ne mfɛfo sukuufo no bɛkasa, nanso ohyiaa ɔsɔretia ne fɛwdi. Ne mfɛfo sukuufo no mu biako titiriw sɔre tiaa no nanso boasetɔ a Bible osuani kumaa no daa no adi no yɛɛ no nwonwa, efisɛ yaw a ɔyaw no no nyinaa amma ne bo amfuw. Akyiri yi, wodii abeawa yi adanse fefeefe, na ohui sɛ su a oyii no adi no mfata. Wɔne no fii Bible adesua ase, na afei Bible suani a odi kan no ne ne yɔnko foforo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka wɔn anigye no ho asɛm akyerɛ afoforo, wɔ ɔsɔretia a wɔn awofo, wɔn kyerɛkyerɛfo, ne wɔn mfɛfo sukuufo de baa wɔn so no nyinaa akyi.
Nea efii wɔn adansedi no mu bae ne sɛ sukuuni foforo bi gyee nokware no. Afei na wɔayɛ baasa wɔ sukuu dan no mu, na na wɔn baasa no nyinaa yɛ nhwɛso pa wɔ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa afoforo na wɔada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho no mu. Afei abeawa foforo bɛkaa wɔn ho.
Na afei nnipa baanan na ɛtra sukuu mu agua a esi adiwo hɔ no so bɔ Bible no mu nkɔmmɔ. Na nea ɛyɛɛ nnipa pii nwonwa ne sɛ wɔn dodow no kɔɔ anim. Abeawa foforo a ɔwɔ wɔn adesuakuw no mu a n’ani gyee wɔn su pa no ho no sii gyinae sɛ ɔbɛkɔ ne wɔn akosua Bible no bi. Wɔn baanum no kɔɔ so too nsa frɛɛ afoforo, sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa, sɛ wɔn nso wɔnyɛ saa. Nanso, mmeawa no awofo kɔɔ so de nhyɛso kɛse baa wɔn so. Awofo no bɔɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛhyɛ mmeawa no ma wɔagyae wɔn Bible adesua no denam wɔn nhoma ahorow a wɔsɛe no ne ayayade a wɔyɛɛ wɔn no so.
Dɛn na efii adanse a wofii ase dii abeawa ketewaa biako pɛ a ɔkyerɛɛ anigye yi mu bae? Wɔbɔɔ mmeawa no mu biako asu wɔ 1990 ɔmantam nhyiam no ase, na wɔbɔɔ baanan a aka no asu wɔ ɔmansin nhyiam bi a wɔyɛe wɔ 1991 fefɛw bere mu no ase. Eyi de anigye kɛse bae! Ɛnnɛ, mmeawa baanum no nyinaa resom sɛ daa akwampaefo! Mprempren adawurubɔfo 11 na wɔwɔ kurow a asɛm yi sii wɔ hɔ no mu, na wɔn mu 8 reyɛ akwampae adwuma no bi.
Yehowa rewowaw n’Adansefo a wɔwɔ Europa Apuei Fam no na ohyira wɔn. Ɛda adi pefee sɛ wobetumi anya nnipa pii afi akomapafo a wɔwɔ wiase no fã yi mu.