Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/15 kr. 32
  • Wobetumi Asua Biribi Afi Nnowa Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobetumi Asua Biribi Afi Nnowa Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/15 kr. 32

Wobetumi Asua Biribi Afi Nnowa Hɔ

“Wɔ nnansa yi mfe no mu no, mfiridwumayɛfo ne wɔn a wɔyɛ aguade akɔ so ahu biribi a nnowa nim bere nyinaa: sɛ wɔde biribi ketewaa mpo yɛ ɛwokyem a emu no kura afã horow asia a ɛyɛ den yiye sen sɛnea anka wɔbɛyɛ no ɔkwan foforo bi so.”​—The New York Times, October 6, 1991.

ƐNYƐ nwonwa sɛ nnipa betumi anya mfaso afi mmoawa ho ade a wɔde boasetɔ sua no mu. Hiob, gyidini bi a ɔtraa ase tete no kae bere bi sɛ: “Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo. Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ [Yehowa] nsa na ɛyɛ eyi?” Yiw, Ɔbɔadeɛ no nyansa da adi wɔ nneɛma a ɛho nyɛ na te sɛ ntokuru a ɛwɔ afa horow asia a wubetumi ahu wɔ ɛwokyem mu no mu.

Ɛwom sɛ ntokuru yi afasu yɛ milimita nkyem abiɛsa mu biako pɛ de, nanso, ɛyɛ den yiye. Nokwarem no, ebetumi afa biribi a emu duru sen ɛno mpɛn 30.

Wobetumi de eyi adi dwuma wɔ nneɛma mu, te sɛ tew a ɛmma biribi ntew bere a biribi foforo apem no no. Wɔde rebɔ sraadi nnwinnade a wogyaa mu fi soro de to fam no ho ban mpo. The New York Times no ka eyi ho asɛm sɛ: “Wɔkyekyere nneɛma a emu yɛ duru te sɛ jip fam ade a ntokuru wom so, na sɛ ɛpem hɔ a, ansɛe.”

Wobetumi de nneɛma pii ayɛ aguade a wɔayɛ no te sɛ eyi. Ɛte sɛ nea ade a ɛho nyɛ na koraa ne krataa. Wɔde nylon krataa reyɛ nneɛma a ntokuru a ekura afa horow asia wom a wɔde hyɛ wimhyɛn akɛse mu. Ɛma enya ahoɔden nanso emu nyɛ duru ahe biara. Dɛn ntia? Mframa na ɛwɔ afasu no ntam akwan no mu, ma enti emu nyɛ duru pii. Mframa nsa kura nneɛma pa a ɛma biribi kwati biribi foforo.

Ɔdowa ketewa yi “nnim” eyinom nyinaa ankasa, efisɛ onni nhomasua mu abodin wɔ mfiridwuma mu. Nanso, da biara ɔde nkate mu nyansa a Ɔbɔadeɛ Yehowa de ama no no kɔ so yɛ n’adwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena