Yehia Obi A Obetie
SƐ NNIPA no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya anigye ne akomatɔyam wɔ asetra mu. Nanso, sɛ nsɛnnennen sɔre a, hwɛ mmoa ne awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yebenya obi a yɛne no besusuw yɛn haw ahorow no ho!
Ɔbenfo George S. Stevenson se: “Nsɛm mu a wobɛkyerɛkyerɛ no boa ma w’adwennwene no gyae, ɛboa ma wuhu wo haw no yiye, na ɛtaa boa wo ma wuhu nea wubetumi ayɛ wɔ ho.” Ɔbenfo Rose Hilferding se: “Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ka yɛn haw ahorow ho asɛm kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Ɛsɛ sɛ yɛka yɛn dadwen ho asɛm kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ obi wɔ wiase no mu a ɔpɛ sɛ obetie na ɔbɛte ase.”
Nokwarem no, onipa biara nni hɔ a obetumi adi ahiade yi ho dwuma awie koraa. Esiane bere pii a yenni ne nneɛma afoforo nti, ebia yɛn nsa renka nnipa a yɛka yɛn kokoam nsɛm kyerɛ wɔn, bere a yehia wɔn sen biara no, anaasɛ ebia yɛbɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛne yɛn nnamfo a wɔbɛn yɛn sen biara mpo no besusuw nsɛm bi ho.
Nanso, ɛnyɛ nea nokware Kristofo nni obi koraa a obetie wɔn, efisɛ wɔwɔ hokwan a ɛne mpaebɔ bere nyinaa. Bible no kɔ so hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ Onyankopɔn a ɔne yɛn Bɔfo, a ne din de Yehowa no mpae. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa koma pa mmɔ mpae wɔ Yesu din mu, na ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia. Ankorankoro ne kokoam nsɛm mpo yɛ nsɛm a ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Filipifo 4:6 sɛ: “Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ . . . mma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn asom.” Akyɛde a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Yɛn Amansan Hene no ayɛ krado bere nyinaa sɛ obetie ne nkoa ahobrɛasefo mpaebɔ ahorow, bere biara a wɔpɛ sɛ wɔba n’anim no.—Dwom 83:18; Mateo 6:9-15; Yohane 14:13, 14; 1 Yohane 5:14.
Nanso, so Onyankopɔn tie ampa? Ebia ebinom bebisa sɛ mpɔn a mpaebɔ tu no gyina onipa mmɔdenbɔ nkutoo so anaa: Obi bɔ mpae, ɔhyehyɛ ne nsusuwii na ɔde nsɛm da no adi. Bere a ɔnam saayɛ so akyerɛkyerɛ ɔhaw a ohyia no mu no, ɔhwehwɛ ano aduru a ɛfata, na ɔma n’ani da hɔ sɛ obehu biribiara a ebia ɛbɛboa no ma wanya. Sɛ odi ne haw ahorow no ho dwuma a, ebia ɔbɛka sɛ Onyankopɔn na ɔma otumi yɛɛ saa, nanso n’ankasa adwene ne ne mmɔdenbɔ na ɛma onyaa nea ɔhwehwɛ no.
Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no susuw sɛ nea mpaebɔ hwehwɛ nyinaa nen. So wususuw saa? So wɔato mpaebɔ tumi ano hye saa? Ɛyɛ nokware sɛ obi adwene ne honam fam mmɔdenbɔ a ɛne ne mpaebɔ ahorow hyia no boa titiriw ma onya ho mmuae. Nanso, nea Onyankopɔn yɛ wɔ asɛm no mu nso ɛ? Sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae a, so otie? So obu wo mpaebɔ sɛ ɛho hia, na osusuw emu nsɛm ho na obua?
Nsemmisa yi ho mmuae ho hia. Sɛ Onyankopɔn ntie yɛn mpaebɔ ahorow a, ɛnde na mpaebɔ yɛ adwenem adeyɛ ara kwa. Nanso, sɛ Onyankopɔn de anigye tie yɛn mu biara mpaebɔ a, hwɛ aseda ara a ɛsɛ sɛ yɛde ma wɔ ade a ɛte sɛɛ a ɔde ama yɛn no ho! Ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛde saa ade no di dwuma da biara.
Ɛnde, yɛpɛ sɛ wotoa so kenkan, efisɛ wɔaka eyinom ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.