Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/15 kr. 29
  • Wɔasan Akyerɛw Onyankopɔn Din Ahyɛ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔasan Akyerɛw Onyankopɔn Din Ahyɛ Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/15 kr. 29

Wɔasan Akyerɛw Onyankopɔn Din Ahyɛ Hɔ

“AGYE mfe bɛyɛ 60 ansa na wɔresan akyerɛw Onyankopɔn, a ɔnyɛ Yudafo nkutoo Nyankopɔn na mmom Kristofo nso Nyankopɔn, no din ‘YHWH,’ no ahyɛ baabi a mfoniniyɛfo bi kyerɛw hyɛɛ kan no.” Saa na Germanfo atesɛm krataa Schwarzwälder Bote ka Onyankopɔn din a wɔasan akyerɛw wɔ Town Hall no anim wɔ Horb wɔ Germany kesee fam no ho asɛm. Nanso dɛn nti na wɔpopaa din no fii hɔ?

Atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ wɔyɛɛ mfonini ahorow guu kurow no asa no ho de dii adwinne guu anim. Na Tetragrammaton, Hebri nkyerɛwde anan a egyina hɔ ma Onyankopɔn din ka ho.

Atesɛm krataa no kɔ so ka sɛ: “Edin yi a epue wɔ Bible no mu mpɛn 6,000 ne akyi no ne ‘Jehova’ anaa biribi saa wɔ German kasa mu. Wonnim sɛnea wɔbɔ din no pɛpɛɛpɛ efisɛ Hebri nkyerɛwee wɔ ɛnne nnyigyei nkutoo. Na ɔkenkanfo no na ɔde anom nnyigyei no ka ho.”

Nanso, wɔ 1934 mu no, Nasi Amanyɛkuw no ananmusifo sii gyinae sɛ Tetragrammaton “bɔ amammui adwene a aba so no abira,” ma enti ɛsɛ sɛ wɔde aduru ka so. Anigyesɛm ne sɛ mprempren wɔakyerɛw Tetragrammaton no ahyɛ hɔ bio. Atesɛm krataa no ka sɛ: “Ɛnnɛ, baabi a ɛsɛ sɛ obi kɔhwɛ hɔ wɔ Horb ne [kurow no asa] anim, a wɔde tete nneɛma ho mfonini, abusua anaa kurow bi agyiradehyɛde, ne nnipa mfonini ahorow ayɛ adwinne agu wɔ hɔ no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena