Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/15 kr. 32
  • Dɛn na Ɛbɛba Kristoman Mmeae Kronkron no So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛbɛba Kristoman Mmeae Kronkron no So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/15 kr. 32

Dɛn na Ɛbɛba Kristoman Mmeae Kronkron no So?

WƆN a wotintim nhoma Holy Places of Christendom a Stewart Perowne a otutu fam de hwehwɛ tete nneɛma mu kyerɛwee no bisa sɛ: “Kristofo ahyehyɛde bɛn muni na obetumi agyina Calvary wɔ Church of the Resurrection [anaasɛ, Church of the Holy Sepulcher] no mu wɔ Jerusalem a ne ho nnwiriw no: efisɛ ɛha a wɔde mfehaha pii som na wɔko peree mpo no ne baabi a Kristoman fi ankasa.”

Obiara ntumi nkyerɛe sɛ wosii asɔredan yi sii Calvary, baabi a Yesu Kristo wui no. Nokwarem no, ansa na Romafo ɔhempɔn Constantine rebɔ ne tirim sɛ obesi asɔredan wɔ hɔ no, na abosonsomfo asɔrefi bi si hɔ. Afei nso, Yesu se: “Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Asɔrefo a wɔte saa no nsom mmeae “kronkron” a aniwa hu.

Bere bi na Yerusalem na Onyankopɔn asɔrefi si, ma enti na ɛne baabi a nokware som wɔ. Nanso, nokware a kurow no mufo anni nti, Yehowa pow wɔn, sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no. (Mateo 23:37, 38) Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe saa beae a wɔsom wɔ hɔ, a nnipa pii kɔɔ so buu no sɛ kronkronbea no. Nsɛm a ɔkae no nyaa mmamu bere a Romafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi wɔ 70 Y.B. mu no.​—Mateo 24:15, 21.

Ɛrenkyɛ Yesu nkɔmhyɛ no benya mmamu kɛse wɔ Kristoman nyamesom mmeae a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ kronkronbea no nyinaa so. Ɛdɔm a wɔmpɛ nyamesom a wɔfrɛ wɔn “amamfoyɛ akyide no” rebɛsɛe Kristoman ne ne mmeae kronkron. (Daniel 11:31) Yehowa Adansefo de anigye bɛka ahodwiriw asɛm a ebesi no ho asɛm pii akyerɛ wo.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Church of the Holy Sepuicher no mu asɔredan bi

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena