Paapanom Ahyehyɛde No—So Kristo Na Ɔtewee?
“PAAPANOM akunini pii—nokwarem no, 260 ne akyi—atra ase fi Petro, Roma Sɔfo Panyin a odi kan no so besi yɛn mprempren paapa John Paulo II so.” Saa na Katolekni ɔkokorani Anthony Foy kae wɔ The Southern Cross, Katolekfo dapɛn dapɛn nsɛmma nhoma ma Afrika kesee fam no mu. Ɔtoa so sɛ: “Yebetumi de ahotoso atwe adwene asi saa paapanom a wɔtoatoa so yi so, bere a wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa adanse mma mfa nkyerɛ sɛ Yesu Kristo na ɔtew Katolek Asɔre no.”
So wobetumi de ahotoso aka sɛ ɔsomafo Petro ne paapanom a wɔtoatoa so yi mu nea odi kan? Sɛnea Katolekfo nyamekyerɛ kyerɛ no, paapanom baanan, Linus, Anacletus, Clement I, ne Evaristus na wodii Petro ade kosii afe 100 Y.B. mu. Bible no ka Kristoni bi a wɔfrɛ no Lino (Linus) a ɔtraa Roma ho asɛm. (2 Timothy 4:21) Nanso, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Lino, anaa obi foforo biara dii Petro ade sɛ paapa. Ɔsomafo Yohane a ɔkyerɛw Bible no mu nhoma anum wɔ afeha a edi kan no mfe du a etwa to no mu no, antwe adwene ansi wɔn a wɔka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ sɛ Petro adedifo no mu biara so. Nokwarem no, sɛ Petro nyaa ɔdedifo a, so anka ntease nnim sɛ wɔbɛpaw Yohane ankasa?
Ɛdefa Petro a wɔkyerɛ sɛ ɔne Roma sɔfo panyin a odi kan ho no, yenni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ ɔkɔɔ saa kurow no mu. Petro ankasa ka sɛ ɔkyerɛw ne nhoma a edi kan no fi Babilon. (1 Petro 5:13) Akyinnye a Katolekfo gye sɛ Petro de “Babilon” dii dwuma sɛ Roma kokoam din bi no nni nnyinaso biara, efisɛ na Babilon ankasa wɔ hɔ wɔ Petro nna no mu. Afei nso, na Yudafo pii wɔ Babilon. Esiane sɛ Yesu paw Petro sɛ ɔmfa n’adwene nsi asɛm a wɔbɛka akyerɛ Yudafo twetiatwafo no so nti, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ eyi nti na Petro kɔɔ Babilon.—Galatifo 2:9.
Hyɛ no nsow nso sɛ Petro kaa n’ankasa ho asɛm sɛ Yesu asomfo no mu biako nkutoo. (2 Petro 1:1) Baabiara nni Bible no mu a wɔaka ne ho asɛm sɛ “Agya Kronkron,” “Ɔsɔfo Panyin,” anaasɛ “Paapa” (Latin, papa, asɛmfua a ɛkyerɛ sɛnea wɔpɛ obi asɛm a wɔde gyina hɔ ma “Agya”). Mmom no, ɔde ahobrɛase tiee Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 23:9, 10 yi: “Afei nso, mommfrɛ obiara mo agya asase so, na Obiako ne mo Agya, Nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo ‘akwankyerɛfo,’ na mo Kwankyerɛfo yɛ biako, ɔne Kristo no.” (New World Translation) Petro ampene so ma wɔansom no. Bere a Romani sahene Kornelio “hwee ne nan ase sɔree no . . ., Petro maa no so kae sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa.”—Asomafo no Nnwuma 10:25, 26.
Ɛdefa nnipa 260 a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ paapanom ho no, Foy gye tom sɛ: “Wɔn mu dodow bi amfata amma wɔn dibea a ɛkorɔn no.” Bere a New Catholic Encyclopedia no rebɔ mmɔden akyerɛ sɛ mfomso nni eyi ho no, ɛkae sɛ: “Nea na ehia ma nniso ne dibea no, na ɛnyɛ paapanom ankorankoro suban. Ebia na anka n’ankasa yɛ ɔhotefo, obi a ɔmfra, anaa ɔkwansampani mpo.” Nanso so wugye di sɛ Kristo de nnipa a wɔte sɛɛ bɛyɛ n’ananmusifo?
Sɛnea ɛte biara no, ka a wɔka sɛ Yesu na ɔtew paapanom ahyehyɛde no nni nnyinaso wɔ Bible no mu. Sɛnea Encyclopedia of Religion kyerɛ no, nnɛyi Katolekfo nhomanimfo mpo gye tom sɛ “yenni Bible mu adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Yesu na ɔtew paapanom ahyehyɛde no sɛ dibea a ɛbɛtra hɔ daa wɔ asɔre no mu.”