Amammuisɛm—So Ɛka Asɛmpaka Ahyɛde No Ho?
SƐNEA Joachim Meisner a ɔyɛ Cologne ɔsɔfopɔn ne East German ɔsɔfo a na wonim no yiye kae no, “sɛ obi frɛ amammuisɛm sɛ ɛyɛ efĩ, dwumadi a obi de gu ne ho fĩ a, na wawae afi asɔre no nkyerɛkyerɛ ho.” Bere a wɔrebisabisa no nsɛm wɔ 1989 mu no, ɔkae sɛ: “Amammuisɛm yɛ asetra mu ade a ɛwɔ hɔ, enti ɛka asɛmpaka ahyɛde no ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛn amammui ahyehyɛde biara mu ɔkwan pa so, efi adwumayɛfo akuw so kosi amanyɛ akuw so, na yɛde Kristosom nnyinaso ba ahyehyɛde ne akuw yi mu na ankorankoro afi mu adi anim ma wɔatrɛw German ne Europa amammuisɛm mu.”
Nsɛm a edidi so a woyi fii Frankfurter Allgemeine Zeitung, a ɛyɛ Germanfo atesɛm krataa a agye din yiye mu no di adanse sɛ Europa asɔfo pii—Katolekfo ne Protestantfo nyinaa—ne Meisner yɛ adwene.
“Wɔpaw no [October 1978] akyi nnansia ara pɛ no, [paapa no] bɔɔ amanneɛ sɛ sɛ obi a ofi Europa Apuei Fam no, ɔnyɛɛ n’adwene sɛ obegye Europa nsɛm tebea atom. . . . Na ɛyɛ ebinom sɛ ɔreka nyamesɛm, nanso na ɛyɛ amammuisɛm mu dwumadi.”—November 1989.
“Wɔ mmeae bi [wɔ Czechoslovakia] no, asɔre no nyaa obu yiye sɛ nea edii basabasayɛ no mu akoten. Asɔfo sukuu bi a ɛwɔ Litomĕr̆ice, a ɛyɛ Bohemia kusuu fam kurow bi a asɔredan kɛse wɔ hɔ no mu asuafo, . . . na wodii anim wɔ November a etwaam no ɔman anidan a basabasayɛ amma mu no mu.”—March 1990.
“Dapɛn biara asomdwoe ho mpaebɔ wɔ [Protestantfo] Nikolai Asɔre no mu, a wɔ mfe du mu no, na ɛho asɛm mfa nnipa pii ho no bɛyɛɛ basabasayɛ, GDR [German Democratic Republic] mu asomdwoe ɔman anidan no ho sɛnkyerɛnne mpofirim afe yi. . . . Asɔfo ne asɔremma pii de wɔn ho hyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ fi saa bere no mu daa.”—December 1989.
Ɔsɔfopɔn Meisner kae bere a wobisabisaa no nsɛm no mu nso sɛ: “Yɛrentumi ntwɛn nkosi sɛ Kristofo amansɛmdifo befi soro aba asase so ansa. . . . Sɛ mehyɛ Kristofo nkumaa nkuran sɛ . . . wɔmfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu anaa . . . meka kyerɛ ɔmanfo a wɔanyinyin sɛ: Ɛnsɛ sɛ moma abatow twam a momfa mo ho nhyɛ mu a, memmrɛ.”
Ne saa nti, wɔn a wɔtow aba maa wɔn ma wɔbɛyɛɛ East German Volkskammer (mmarahyɛ bagua) mufo wɔ March 1990 mu no mu 19 yɛ asɔfo. Na nyamesom mufo pii nso yɛ aban asoafo. Atesɛm krataa a wɔfrɛ no Nassauer Tageblatt kyerɛw asɔfo baasa a wɔyɛ aban asoafo no mu biako, Ɔsoafo a ɔhwɛ Ahobammɔ ho nsɛm so Rainer Eppelmann a ɔyɛ obi a ose okyi akodi no, ho asɛm sɛ: “Pii bu no sɛ asomdwoe ɔman anidan no agyanom mu biako.”
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa Apuei Fam, a wɔn dodow yɛ ɔpedudu pii no, di ɔsom mu ahofadi pii a wɔanya mprempren no ho ahurusi. Nanso wɔmfa ɛno so mfa wɔn ho nhyɛ amammui anaa asetra mu nsɛm ho ntawntawdi mu. Nea ɛne asɛmpaka ahyɛde a wɔde ama wɔ Mateo 24:14 no hyia no, wodi Yesu nhwɛso a ɛne adesamma amammuisɛm a ɔkwatii no akyi, na bere koro no ara wɔde nnamyɛ ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa sɛ ɛno nkutoo ne adesamma anidaso. Nyansa wom sɛ Kristoman asɔfo—sɛ wɔwɔ Europa Apuei Fam anaa baabi foforo no—nso yɛ saa ara.—Yohane 6:15; 17:16; 18:36; Yakobo 4:4.