Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/1 kr. 3-4
  • Na Aka Akyiri Sen Sɛnea Wosusuwii!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na Aka Akyiri Sen Sɛnea Wosusuwii!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yeremia​—Onyankopɔn Atemmu Ahorow ho Diyifo a Wɔmpɛ N’asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Mintumi Nyɛ Komm”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Yehowa Ayɛ Nea Osusuwii No”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/1 kr. 3-4

Na Aka Akyiri Sen Sɛnea Wosusuwii!

NA AFE no yɛ 609 A.Y.B. Esii wɔ Yerusalem. Na ɔkasafo no ne odiyifo Yeremia. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɔsɛe bɛba kurow kronkron a ɔdɔ no yiye, Yerusalem, so, ɔsɛe a na ɛbɛba efisɛ Yudafo no antie Yehowa na na wɔde wɔn ho ahyɛ atoro anyame som mu. Wɔde wɔn ho hyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ ɔbarima ne ɔbea nna fĩ a wɔyɛ wɔ ɔsom mu mu, wɔbɔɔ nsã afɔre maa abosom, wɔsom owia ne ɔsram ne nsoromma, hyew aduhuam maa Baal, na wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa Molek.​—1 Ahene 14:23, 24; Yeremia 6:15; 7:31; 8:2; 32:29, 34, 35; Hesekiel 8:7-17.

Wobuu Yeremia sɛ nea ɔka adebɔne a ɛbɛba ho asɛm, nea ɔyɛ katee, na ɔsɔre tia biribiara ne obiara. Na Yeremia de mfe 38 abɔ wɔn kɔkɔ; na Yerusalemfo adi ne ho fɛw mfe 38. Ɛde besi saa bere no, na nkurɔfo no abu wɔn ani agu Yehowa so na wɔka sɛ ɔnyɛ obi a ɛsɛ sɛ wosuro no. Wɔkae sɛ: ‘Yehowa renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne’ ne sɛ ‘Yehowa agyaw asase no, na Yehowa nhu.’​—Sefania 1:12; Hesekiel 9:9.

Na adiyifo Yeremia ne Hesekiel aka Yerusalem sɛe ho asɛm, nanso biribiara nsii. Enti Israelfo no ansusuw sɛ anisoadehu biara a ɛte sɛɛ bɛbam wɔ wɔn bere so, na wɔkae sɛ: “Nna no rekyɛ na adehu nyinaa reyera.” Nanso Yehowa maa eyi ho mmuae sɛ: “Nna no abɛn . . . Na me [Yehowa] na mɛkasa; asɛm a mɛka no na ɛbɛyɛ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio. O asowui ti, mo bere so na mɛka asɛm na mayɛ.”​—Hesekiel 12:22-25.

Wɔ 609 A.Y.B. mu no, na bere aso sɛ Yehowa ma n’asɛm bam. Bere a Yeremia de bɛyɛ mfe aduanan abɔ kɔkɔ akyi no, Babilon asraafo betwaa Yerusalem kurow ho hyiae. Asram dunwɔtwe akyi no, wobubuu afasu no, wɔhyew asɔrefi no, na wɔfaa nkurɔfo no mu dodow no ara nnommum kɔɔ Babilon. Sɛnea wɔka siei no, wɔde afoa ne ɔkɔm ne nyarewa sɛee kurow no.​—2 Ahene 25:7-17; 2 Beresosɛm 36:17-20; Yeremia 32:36; 52:12-20.

Na Yeremia asɛm no yɛ nokware. Nkurɔfo no dii mfomso. Na aka akyiri sen sɛnea wosusuwii! Na anisoadehu no nni akyiri. Na ɛbɛbam wɔ wɔn bere so.

Eyi nyɛ abakɔsɛm ara kwa. Nea ɛbaa Yerusalem so no yɛ nkɔmhyɛ. Ɛyɛɛ biribi a ɛbɛba ho mfonini. Nnɛyi Kristoman afa Kristo din ato ne ho so na ɔka sɛ ɔne Onyankopɔn ayɛ apam; nanso odi tete Yerusalemfo no anammɔn akyi. Mpɛn pii no, Kristoman asɔre asɔre no kyerɛkyerɛ abosonsom nkyerɛkyerɛ, wɔde aguamammɔ agu wɔn ho fi, wogyina amammui nhyehyɛe ahorow akyi, wɔboa wiase no akodi ahorow, wogye adannandi tom na wɔde Ɔbɔadeɛ a Onyankopɔn yɛ no to nkyɛn, wobu wɔn ani gu mmofra a wonnya nwoo wɔn ɔpepem pii a ahotɔ a wɔpɛ nti, wɔde wɔn bɔ afɔre no so, na wogye nnipa nyansapɛ ahorow pii tom, na wɔkyerɛ sɛ Bible no yɛ anansesɛm.

Sɛnea Yerusalemfo dii Yeremia ho fɛw no, saara na Kristoman di Yehowa Adansefo ho fɛw nnɛ. Wobu Adansefo no kɔkɔbɔ a ɛfa ɔsɛe a ɛrebɛba wɔ Harmagedon ho no sɛ ɛho nni mfaso. Kristoman ka sɛ, ‘Asase no ho asɛm mfa Onyankopɔn ho. Momma onni so wɔ soro; yebedi asase so. Na sɛ Harmagedon ba koraa mpo a, ɛremma yɛn bere so. Yɛate saa asɛm no pɛn. Yɛremma ɛno nnaadaa yɛn!’

So eyi bɛyɛ abakɔsɛm a ɛsan ti ne ho mu anaa? So ɛbɛyɛ bere foforo a mpempem pii behu sɛ na aka akyiri sen sɛnea wosusuwii no anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena