Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 12/1 kr. 21
  • Asɛmpa no a Wɔka wɔ “Asase Ano Nohɔ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa no a Wɔka wɔ “Asase Ano Nohɔ”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 12/1 kr. 21

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Asɛmpa no a Wɔka wɔ “Asase Ano Nohɔ”

“WƆBƐKA ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Saa na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no bere tiaa bi ansa na ɔrewu. Ne wusɔre akyi bere tiaa bi no, ɔkae bio sɛ: “Na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Mateo 24:14: Asomafo no Nnwuma 1:8) Saa nkɔmhyɛ yi renya ne mmamu nnɛ wɔ nsase bɛboro 200 so, a Amerika Kesee Fam ɔman Peru nso ka ho.

Adansefo bɛboro 32,000 reka asɛmpa no wɔ saa asase fɛfɛ no so, na ɛda adi sɛ wɔn asasesin no ka mmeae a ɛwɔ asase ano nohɔ ho ampa: Andes mmepɔw atenten, a wɔn sorokɔ kodu anammɔn 14,000 ne 15,000 no ne Amazon kwae a emu yɛ hyew no nso, baabi a ɔkorow nkutoo so na wɔnam tumi kɔ hɔfo no nkyɛn no. Peru baa dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ:

◻ “Yɛwɔ akwampaefo atitiriw baawɔtwe a wɔde ɔkorow nketewaa abien a wɔato din sɛ lanchas yɛ adwuma wɔ kwae no mu. Ɔkorow nketewaa yi tumi fa nsu a emu dɔ yɛ anammɔn biako pɛ mu, enti wɔatumi ama asɛmpa no ka atrɛw akodu mmeae afoforo pii a ɛwɔ nsubɔnten nketewaa no ho no. Ɛde besi nnɛ no, anuanom a wɔde ɔkorow yi di dwuma no atumi de nsɛmma nhoma, nhoma, ne Bible ɔpehaha pii ama wɔ Peru Amazon Bon no mu nyinaa. Nea afi mu aba tee ne sɛ wɔahyehyɛ asafo foforo anan, ne akuw a wɔatew wɔn ho anum a wobu wɔn dwumadi ho akontaa na wɔyɛ nhyiam. Wɔhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ akuw yi bɛdan asafo ahorow.”

◻ Kwae mu nkurow no biako bɛyɛɛ kɛse wɔ baabi a wɔtwe Trans-Andean asase mu ngo fa dade ɔdorobɛn kɛse mu fi kwae no mu kɔfa Andes mmepɔw atenten no so kɔ atɔe fam mpoano tɔnn no. Esiane sɛ na asase mu ngo dade dorobɛn no ho adwumayɛfo te hɔ nti, na kurow yi wɔ asanombea bɛyɛ 20 na ɛdan beae a wɔbow nsa na wogye wɔn ani yiye. Nanso, akwampaefo atitiriw no dii adanse fefeefe wɔ hɔ akyi no, pii tiee Ahenni nkrasɛm no, na mprempren asanombea anan pɛ na aka wɔ kurow no mu! Bere a ɔmansin sohwɛfo kɔsraa hɔ nnansa yi no, nnipa 189 na wobetiee baguam ɔkasa no. Kuw a emu adawurubɔfo yɛ 7 na wɔwɔ kurow no mu mprempren, na nnipa bɛboro 45 kɔ nhyiam horow no nyinaa. Ɛrenkyɛ, ɛnam Yehowa nhyira so no, ɛbɛyɛ asafo.

◻ Ɔbarima bi a wadi mfe 29 a ɔwɔ Peru ahenkurow Lima asafo ahorow 221 no biako mu ka sɛnea ogyee nokware no ho asɛm. Ogyaee sukuu bere a na wadi mfe 13 de ne ho kɔbɔɔ akobɔfo kuw bi ho, na ɔde ntɔkwaw, nnubɔne a wɔde di dwuma, ne ɔbrasɛe yɛɛ n’adwuma. Wɔhyɛɛ no ma ɔsom sɛ ɔsraani mfe abien akyi no, ofii ase nyaa adwenemhaw. Afei wɔ 1983 mu no, onuawa ɔhobrɛasefo bi kɔɔ ne nkyɛn bere a na ɔreyɛ afie ne afie asɛnka no. Ɔbarima no tee ɔdɔ ne asomdwoe wiase foforo bi ho asɛm nea edi kan. Wofii ase ne no suaa Bible no, na ɛnam mmoa a asafo no fi ɔdɔ mu de maa no, ne Yehowa tumi so no, otumi dii ne nneyɛe bɔne no so nkonim. Wɔbɔɔ no asu wɔ 1986 mu na ɔsom mprempren sɛ asafo mu ɔsomfo.

Nokwarem no, Yesu nsɛm a ɔkae sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akodu “asase ano nohɔ” no renya mmamu wɔ Peru, a nea afi mu aba no yɛ nwonwa, na ɛho reba asase no sofo pii a nokware no ho kɔm ne sukɔm de wɔn no ho mfaso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena