Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/15 kr. 3-4
  • So Ahiafo Betumi Adi Nokware?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ahiafo Betumi Adi Nokware?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Madi Mfe Ason”
    Nyan!—1999
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Ohia Ano Aduru Koraa a Wobenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/15 kr. 3-4

So Ahiafo Betumi Adi Nokware?

Na Amelia adi nnafua 29 pɛ bere a ne nenabea de no behuu oduruyɛfo no. Amelia maame antumi amma bi, efisɛ na ɔyare, na na ɔne mmofra baanan a wɔaka no wɔ fie. Na ne papa wɔ baabi foforo rehwehwɛ adwuma. Oduruyɛfo no hwɛɛ akokoaa no. Ohuu nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ onnya aduan pa nni, ade a ɛnyɛ na wɔ West Africa. Nanso na ɔyare no ankasa ne cellulitis (ɔyare bi a ɛma nipadua no mu akwaa honhon). Na ɔyare aka Amelia koko ketewaa no. Bere a oduruyɛfo no de krataa a wakyerɛw aduru no wɔ so no maa ne nenabea no, obisae sɛ: “Aduru yi bo bɛyɛ ahe?” Obuae sɛ: “Ɛbɛyɛ fi cedi apem biako ne ahanan kosi apem biako ne ahanson aduonum.” Ne nenabea guu ahome. Onni cedi ahanson mpo a ɔde betua hwɛ a oduruyɛfo no hwɛe no no ho ka. Ɔteɛm sɛ: “Ɛhe na mɛkɔ akonya saa sika yi wɔ wiase yi mu!”

Oduruyɛfo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wunya fi baabi. Kɔsrɛ wo nnamfo ne w’abusuafo. Sɛ wɔansa ɔyare yi a, ɛbɛtrɛw akɔ mogya nkwaadɔm no mu, na abofra no bewu.”

Amelia abusua no faa ɔkwan bi so nyaa sika no, na akokoaa no nyaa asram abien. Nanso, aman a ɛrenya nkɔso a ɛwɔ wiase nyinaa no mu nnipa ɔpepem pii ntumi mfɛm sika mfi wɔn nnamfo ne wɔn abusua hɔ. Ɛte sɛ nea anidaso a wɔwɔ sɛ wɔn sikasɛm bɛyɛ yiye no remma mu. The State of the World’s Children Report 1989 a UNICEF (Amanaman Nkabom no fa a ɛhwɛ mmofra yiyedi ho nsɛm so) kyerɛwee no ka sɛ: “Sikasɛm mu nkɔso a ɛba toatoaa so mfe du du pii akyi no, wiase no fã kɛse resan adi hia bio.” Wɔ Afrika ne Latin Amerika no, akatua so tew beduu ɔha biara mu nkyem 10 kosi 25 wɔ 1980 mfe no mu. Na mfe kakra a atwam no mu no, sika a wɔde di akwahosan ho dwuma so atew abedu ɔha biara mu nkyem 50 wɔ wiase aman a wodi hia sen biara no 37 mu.

Dɛn na eyi kyerɛ ma nnipa ɔpepem pii a wɔdi hia no? Wɔ pii fam no, ɛkyerɛ sɛ wontumi ntɔ nnuan ne nnuru a ehia. Enti, ebia wɔn mma, wɔn aware mu ahokafo, anaa wɔn awofo behyia owu a wobetumi akwati, gye sɛ wɔfa ɔkwan biako pɛ a ɛte sɛ nea abue ama wɔn no so nya sika​—wowia ade! Yiw, ohia betumi akyerɛ aperepere a wɔne abrabɔ fam ɔhaw bi bedi: korɔnbɔ anaasɛ owu? atorodi anaasɛ ɔkɔm? adanmudema anaasɛ ohia?

Wobu bɛ bi wɔ West Africa sɛ: “Baabi a wode nantwi sa no, ɛhɔ na ɔbɛwe sare.” Ɔkwan foforo so no, nnipa de hokwan biara a ɛbɛma wɔn kwan ma wɔanya wɔn ho no bedi dwuma akosi ase. Mpɛn pii no wɔn a wodi tumi wɔ aman a ɛwɔ wiase nyinaa mu no de wɔn dibea di dwuma de gye adanmude, di sika, anaa wowia ade. Wɔn adwene ne se: ‘Fa nea wopɛ bere a wubetumi ayɛ saa no. Ebia worennya hokwan nyɛ saa akyiri yi.’ Bere a aman a ɛrenya nkɔso no sikasɛm sɛe no, ebia ahiafo bɛpene adwene a ɛne sɛ nokwaredi rentumi nyɛ nhyehyɛe a eye sen biara ma ahiafo no so kɛse.

Bible no se: “Mmɔ korɔn.” (Exodus 20:15) Nanso sɛ ahiafo ntumi nni nokware ampa a, so ɛma teɛ a abrabɔ pa a Bible ka ho asɛm no teɛ no ho ba asɛm? So Onyankopɔn mmara ahorow nyɛ nea wobetumi de adi dwuma, na ensusuw nnipa ahiade ankasa ho anaa? Nokware Kristofo mpempem pii a wɔwɔ aman a ɛrenya nkɔso mu osuahu de nsemmisa yi ho mmuae a ɛyɛ anigye ma.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Baabi a wode nantwi sa no, ɛhɔ na ɔbɛwe sare”

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Ahiafo ka wɔn a wɔyɛ adwuma dennen brɛ wɔ aman a ɛrenya nkɔso mu no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena