Abrabɔ a ɛhyɛ Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Anuonyam
Nnansa yi ara, adwumakuw bi a ɛwɔ Caracas, Venezuela, mpanyimfo kyerɛw nhoma kɔmaa Yehowa Adansefo asafo bi a ɛbɛn hɔ mpanyimfo ne asafo mu asomfo. Wɔkyerɛwee wom sɛ: “Yɛn nsa aka sɛnea mo som no mu nnipa ani ku wɔn asɛyɛde ho ne wɔn nokwaredi ho nsɛm pa. Eyi nti na yɛrekyerɛw mo mprempren yi. Esiane sɛ yenni adwumayɛfo mprempren nti, yehia nnipa baanu ntɛm ara ma wɔabɛyɛ adwuma a edidi so yi: obiako a ɔbɛyɛ ofirikafo ne ɔfoforo a ɔbɛyɛ yɛn adekorade dan sohwɛfo panyin. Yɛn ani begye ho pii sɛ mobɛma yɛn nsa aka mo asafo no anaa nea ɛbɛn mo muni bi ho asɛm. Yɛmpɛ ankasa sɛ yɛbɛfa adwumayɛfo a wɔnnyɛ Adansefo. Yɛsrɛ mo, sɛ obi nni hɔ mpo a, momma yɛnte mo nka, esiane sɛ yɛbɛtwɛn mo mmuae ansa na yɛasi gyinae biara nti.”
Bere a asafo no mpanyimfo no mu biako hui sɛ nhoma no hyɛ Ahenni Asa no ano pon ase no, ɔkɔɔ saa adwumakuw no wura nkyɛn. Na adwumawura no ne Yehowa Adansefo ayɛ adwuma mfe 15, na ɔkae sɛ ɔne n’Adansefo adwumayɛfo annya nsɛnnennen biara. Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔn ani ku wɔn asɛyɛde ho, wɔyɛ anokwafo, ne adwumayɛfo nsiyɛfo. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Minim sɛ mo ani nnye abɔnefo ho, na mutu wɔn. Ɛno kyerɛ sɛ mo asafo no mpɛ sɛ wɔyɛ saafo no bɔne fafafo.”
Abrabɔ a ɛte saa hyɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ anuonyam. (Tito 2:10) Na efi ɔpɛ pa a wɔwɔ sɛ wobedi abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛwɔ Bible mu so yiye no mu na ɛba.