Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 7/1 kr. 32
  • ‘Abrabɔ Ho Afotu Titiriw’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Abrabɔ Ho Afotu Titiriw’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 7/1 kr. 32

‘Abrabɔ Ho Afotu Titiriw’

Abeawa bi a wadi mfe 14 a ofi Nigeria, West Africa, no, de aseda ma sɛ onyaa afotu a ɛte saa fii Your Youth​—Getting the Best out of It nhoma no mu. Ɔkyerɛw sɛ:

“Nhoma yi yɛ nyansadwuma a ɛboa yiye, ɛka nokware, ɛyɛ nwonwa ne anigye. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa obi a ɔpɛ sɛ wɔkyerɛ no kwan yiye wɔ saa asetra mu nneɛma bɔne a ɛkɔ so no nyinaa mu no kɛse.

“Mede nhoma yi akyerɛ me mfɛfo sukuufo ne afipamfo. Obiara a ɔkenkan no kamfo mo mfatoho ahorow a ‘ɛma nimdeɛ dɔɔso’ yiye no ne nsɛmti a wɔaka ho asɛm wɔ nhoma no mu no. Yɛn adwenkyerɛ ne sɛ ɛnyɛ sɛ nokwasɛm a wɔada no adi wɔ nhoma no mu no bɛma mmofra ne mpanyin anya nyansa ne abrabɔ ho nnyinasosɛm a ɛfata nko na mmom ebetumi de ɔkyerɛkyerɛ pa ama wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nokware asomdwoe ne akwahosan a wɔbɛda ahosodi adi na wɔabɔ mmɔden ayɛ nea ɛteɛ no nso. . . .

“Nea etwa to koraa no, nhoma yi mu da hɔ yiye na ɔbarima ne ɔbea nna ho afotu titiriw a ebia wɔrennya mfi awofo anaa akyerɛkyerɛfo pii hɔ abu so wom . . . Hwɛ sɛnea me yam a anka wɔde nhoma yi bedi dwuma wɔ sukuu ahorow mu de akyerɛ ade da biara a adwene no ne sɛ wɔbɛhyehyɛ asetra a asomdwoe, ɔdɔ, abasow ne ntease kɛse wom.”

Your Youth​—Getting the Best out of It bua nsemmisa te sɛ, Dɛn nti na mmofra sua ade wɔ sukuu? Ɛsɛ sɛ wobu wɔn awofo dɛn? So ɛsɛ sɛ wonya nna mu kyɛfa ansa na wɔaware? ne So ɛsɛ sɛ wɔnom nsa a ano yɛ den? Wubetumi anya biako bere a woatua ¢250 pɛ na woahyehyɛ kratasin no de amana no.

Mesrɛ mo, momfa Your Youth​—Getting the Best out of It a akyi yɛ den na ekura nkratafa 192 no biako mmana me. Medi ¢250 ahyem de retua ka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena