Abraham—Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Muhu Nokware A Ɛfa Ne Ho
ABRAHAM—anansesɛm mu ɔdɔmmarima anaasɛ nokware diyifo? Saa asemmisa no mmuae ho hia dɛn? Sɛnea Bible mmerebu kyerɛ no, Abraham traa ase bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni. Enti, ebia ebinom bebisa sɛ ‘Sɛ ɔtraa ase ankasa anaasɛ dabi no ho hia dɛn?’
Wiɛ, nnipa a wɔwɔ wiase no mu fã yɛ nyamesom a ɛkyerɛ sɛ egye Abraham di no mufo. 1988 Britannica Book of the Year ka sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu ɔha mu nkyem 32.9 yɛ Kristofo, ɔha mu nkyem 17.2 yɛ Nkramofo na ɔha mu nkyem 0.4 yɛ Yudafo, na Abraham yɛ onipa titiriw ma nyamesom abiɛsa yi nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ nyamesom ahorow yi mu gyidifo komapafo hwɛ hu sɛ wɔakyerɛkyerɛ wɔn nokware a ɛfa Abraham ho no. Ɛsɛ sɛ nyamesom afoforo mufo anaasɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ nyamesom biara mufo mpo ani gye ho. Dɛn ntia?
Efisɛ Bible no ka sɛ na Abraham yɛ odiyifo. (Genesis 20:7) Ɛno yɛ Bible mu asɛmfua a wɔde ka Onyankopɔn kasamafo a ɔwɔ nkrasɛm ma nnipa afoforo no ho asɛm. Sɛ na Abraham yɛ nokware diyifo a, ɛnde yɛn nyinaa benya mu mfaso. Dɛn ntia? Efisɛ asɛmpa wɔ nkrasɛm a ne nsa kae no mu ma adesamma nyinaa. (Galatifo 3:8) Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “Wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.”—Genesis 12:3.
Ɛyɛ bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa a wɔde mae, na anyɛ yiye koraa no, Abraham tee sɛ wɔde ma mprenu. (Genesis 18:18; 22:18) Nea ɛbɛyɛ na anya mmamu no, Onyankopɔn benyan ‘mmusua nyinaa’ a wɔatra ase pɛn no mufo a wɔawuwu afi awufo mu mpo. Saafo a wɔanyan wɔn no asetra bɛyɛ nhyira ankasa, efisɛ wɔn mu pii bɛsan aba asase so tebea a ɛte sɛ Paradise a onipa hweree mfitiase no mu. Ɛno akyi no, wɔbɛkyerɛ wɔn sɛnea wobenya nhyira a ɛne daa nkwa.—Genesis 2:8, 9, 15-17; 3:17-23.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ na Abraham yɛ anansesɛm mu nipa bi ara kwa a, ɛnde na biribiara nni hɔ a wobegyina so agye bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ne nsa kae no adi. Afei nso, sɛ wɔrentumi mfa ho nto Bible bɔhyɛ ahorow so a, ebinom betumi akyerɛ sɛ wobedi mprempren asetra no mu anigyede nkutoo akyi. Sɛnea tete Kristofo no mu biako kyerɛwee no: “Sɛ awufo nnyan a, ɛnde momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Korintofo 15:32.
Enti, wowɔ biribiara a wubegyina so de ahwehwɛ asemmisa a ɛne So na Abraham yɛ anansesɛm mu ɔdɔmmarima anaasɛ nokware diyifo no mu? Ebia wo ho bedwiriw wo sɛ wubehu nea afeha 19 no mu asɔfo a wɔwɔ din kae wɔ eyi ho. Ebedu saa bere yi, wɔn a tutu fam de hwehwɛ tete nneɛma mu ahu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛkyerɛ sɛ saa asɔfo no adwenkyerɛ no nyɛ nokware.