Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 5/15 kr. 8-9
  • Bere a Wonyan Lasaro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wonyan Lasaro
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔnyanee Lasaro
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu Fɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wɔde Yesu Kɔɔ Anas Hɔ San De no Kɔɔ Kaiafa Hɔ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Ɔsɛ Owu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 5/15 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Bere a Wonyan Lasaro

YESU ne wɔn a wɔka ne ho no abedu Lasaro nkae da no ho afei. Nokwarem no, ɛyɛ ɔbodan a wɔde ɔbo ahini ano. Yesu se: “Munyi ɔbo no!”

Marta mpene so, efisɛ onnya ntee nea Yesu pɛ sɛ ɔyɛ no ase. Ose: “Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnanan.”

Nanso Yesu bisa sɛ: “Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Onyankopɔn anuonyam?”

Enti woyi ɔbo no. Yesu ma n’ani so na ɔbɔ mpae sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.” Yesu bɔ mpae baguam sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo behu sɛ ɔnam tumi a efi Onyankopɔn hɔ so na ɛbɛyɛ nea ɔrebɛyɛ no. Afei ɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!”

Enti Lasaro fi ba. Ɔda mu ntama da so kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Yesu se: “Monsan no, na momma ɔnkɔ.

Bere a Yudafo a wɔaba rebɛkyekye Maria ne Marta were no mu pii hu anwonwade no, wogye Yesu di. Nanso, afoforo fi hɔ kɔka nea asi no kyerɛ Farisifo no. Wɔne asɔfo mpanyin no ne Yudafo asennibea kɛse a ɛne Sanhedrin no yɛ nhyiam ntɛm ara.

Farisifo ne Sadukifo a asɔfo mpanyin ka ho, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ so a ɔne Kaiafa no, ne wɔn a wɔadi asɔfo mpanyin atwam na wɔka bom yɛ Sanhedrin no. Eyinom di abooboo sɛ: “Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii. Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.”

Ɛwom sɛ nyamesom akannifo no gye tom sɛ Yesu “yɛ nsɛnkyerɛnne pii” de, nanso ade biako pɛ a ɛho hia wɔn ne wɔn ankasa gyinabea ne wɔn tumi. Lasaro nyan no yɛ ade a etumi Sadukifo no kɛse esiane sɛ wonnye owusɔre nni nti.

Afei Kaiafa a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ Sadukini no kasa na ose: “Mo de, munnim hwee, nanso munnwen sɛ eye ma mo sɛ onipa biako bewu ama ɔman, na ɔman no nyinaa ansɛe.”

Onyankopɔn na ɔkanyan Kaiafa ma ɔkaa eyi, efisɛ ɔsomafo Yohane kae akyiri yi sɛ: “Na eyi de, emfi [Kaiafa] tirim na ɔkae.” Nea na Kaiafa kyerɛ ankasa ne sɛ ɛsɛ sɛ wokum Yesu na wosiw no kwan na wɔantutu wɔn gyinabea ne wɔn tumi ase. Nanso, sɛnea Yohane kyerɛ no, ‘Kaiafa hyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no, na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom.’ Na, nokwarem no, Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ne ba no bewu sɛ agyede ama nnipa nyinaa.

Kaiafa tumi ma Sanhedrin no tu agyina sɛ wobekum Yesu afei. Nanso bere a Yesu te agyinatu yi ho asɛm a ebetumi aba sɛ Nikodemo a ɔyɛ Sanhedrin no muni a ɔpɛ n’asɛm no na ɔka kyerɛɛ no no, ofi hɔ kɔ. Yohane 11:38-54.

◆ Dɛn nti na Yesu bɔ mpae baguam ansa na onyan Lasaro?

◆ Wɔn a wohuu saa owusɔre yi no yɛ wɔn ade dɛn?

◆ Dɛn na ɛma Sanhedrin no mufo no adwemmɔne da adi?

◆ Na Kaiafa adwene ne dɛn, nanso dɛn na Onyankopɔn de no dii dwuma ma ɔhyɛɛ ho nkɔm?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena