Nhwehwɛmu Adwinnade a Ɛsom Bo
Abeawa bi a wadi mfe 13 a ofi New Zealand kyerɛw sɛ: “Meda mo ase wɔ Watchtower ne Awake! a moaka abom ayɛ no nhoma po biako no ho.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Me kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ m’adesuakuw no sɛ yɛnyɛ asiane bi ho nhwehwɛmu na afei yɛnyɛ no nhomawa. Mepaw sɛ mɛyɛ Titanik no ho nhwehwemu. Mehwehwɛɛ nhoma ahorow wɔ sukuu nanso mantumi annya nea ɛfata. Enti mehwɛɛ ‘81 Awake! a wɔaka abom ayɛ no nhoma po biako no mu. Mekenkan Titanik no ho asɛm nyinaa na afei mede m’ankasa nsɛm kyerɛw asɛm no na meyɛɛ no nhomawa. Bere a me kyerɛkyerɛfo hwɛɛ dwumadi ahorow no nyinaa no, ɔde me de kyerɛɛ adesuakuw no. Na mede no ye sen obiara de.” Abeawa no de ba awiei sɛ: “Bere biara a menya dwumadi no, mede mo nhoma ahorow bedi dwuma.”
Ɛdenam nsɛmma nhoma yi a wɔaka abom ayɛ no nhoma po biako a wubenya bi no so no so, wubenya nhwehwɛmu adwinnade a ɛsom bo. Yɛwɔ 1988 Awake! ne ne hokafo Watchtower a wɔayɛ emu biara nhoma po biako no bi wɔ hɔ mprempren. Wubetumi anya biako denam kratasin a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ de amana no so.
Kyerɛ nea wopɛ na fa ntoboa no pɛpɛɛpɛ ka ho mana.
Mesrɛ mo, momfa 1988 Awake! a wɔaka abom ayɛ no nhoma biako no mmana me. Mede ¢1,500.00 ahyem de retua ka.
Mesrɛ mo, momfa 1988 Watchtower a wɔaka abom ayɛ no nhoma biako no mmana me. Mede ¢1,500.00 ahyem de retua ka.