Yɛma Wo Akwaaba Ba “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam Horow No Ase
ASƐMTI a eye a wɔde ama yɛn afe yi ɔmantam nhyiam no bɛn ara ni: “Onyamesom Pa Ahofama”! Na hwɛ onyamesom pa ahofama ho nhwɛso pa a Yesu Kristo yɛ maa yɛn! Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo maa ɔkyerɛw ne ho asɛm sɛ: ‘Na ade a wɔde nokoro ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahofama ahintasɛm no: Woyii no adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.’—1 Timoteo 3:16.
Yɛn ɔmantam nhyiam no bɛhyɛ yɛn den ma yɛayɛ nnipa a wɔwɔ nokware onyamesom pa ahofama te sɛ Yesu. Enti, nea edi kan koraa no, yɛpɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛremma biribiara mmetwa honhom mu aduan a yebedi no mu koraa. Enti, momma yɛntratra yɛn nkongua so Fida anɔpa 10:20 na ama yɛatie nnwom a wɔbɛtow no na yɛnam saayɛ so anya adwene pa a ɛbɛma yɛanya dwumadi a ebedi akyi aba no mu mfaso yiye. Asɛmti a wɔapaw ama da a edi kan ne “Onyankopɔn a Ɔhwehwɛ Ahofama a Edi Mu a Yɛbɛsom No” a egyina Exodus 20:5 so. Oguamtrani no kasa no fata yiye: “Akwaaba, Mo a Mowɔ Onyamesom Pa Ahofama!” Da a edi kan no, kasa ahorow a ɛkyerɛ nea enti a Yehowa hwehwɛ onyamesom pa ahofama ne nea enti a ɛho hia sɛ yesua nea ɛma obi nya onyamesom pa ahofama nso bɛhyɛ yɛn den. Wɔbɛka anigyesɛm afa onii a nokware Nyankopɔn no yɛ ne sɛnea N’Asɛm yɛ nokware no nso ho.
Memeneda asɛmti ne ‘Onyamesom Pa Ahofama yɛ Adenya Kɛse,’ na egyina 1 Timoteo 6:6 so. Yɛn nsa bɛka nea egye ankasa na yɛadi onyamesom pa ahofama akyi ho afotu anɔpa. Nokwarem no, wɔbɛma asubɔ kasa ama wɔn a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ onyamesom pa ahofama asetra mu no. Wobesi sɛnea ɛho hia sɛ yedi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nokware na afei yɛasua sɛnea yebetumi ada nneyɛe a ɛkyerɛ onyamesom pa ahofama adi wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu Memeneda awia. Esiane ɔhaw ahorow a yɛn mmofra hyia nti, wɔbɛka asɛntitiriw bi akyerɛ wɔn.
‘Kyi Amumɔyɛ na Fa Onyamesom Pa Ahofama Tra Ase’ a woyi fii Tito 2:12 no ne Kwasida asɛmti. Anɔpa no, yebenya afotu bi a ɛyɛ ne bere mu de a ɛde kɔkɔbɔ ma yɛn wɔ “onipa a onni mmara” no ne fom a yɛbɛfom wɔ aduan ne anonne, ahosiesie ne anigyede ho nsɛm mu no ho. (2 Tesalonikafo 2:3) Drama a ɛfa nnɛ bere yi ho a esi sɛnea ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn ase so dua bedi eyi akyi. Baguam ɔkasa a wɔbɛma no awia no bɛka asɛmpa a ɛkyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama gye abɛn no akyerɛ. Asɛm a ɛkyerɛ sɛ “Onyamesom Pa Ahofama a Yɛbɛkɔ So De Ayɛn Yɛn Ho No So Wɔ Mfaso” no de yɛn honhom mu apontow no bɛba awiei.
Enti bra a woasiesie wo ho sɛ wubedi nsɛm a akasafo no bɛtwe adwene asi so no akyi wɔ wo Bible no mu na fa pɛnsere ne krataa kyerɛkyerɛw nsɛntitiriw. Nsɛm a obi kyerɛkyerɛw no boa kɛse ma ɔde n’adwene si nsɛm so na onya nea ɔte no mu mfaso yiye. Na mommma yemmmu yɛn ani nngu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma pii na ama nhyiam akɔ so yiye ne sɛ nnipa pii a wɔde mmoa ma no ma adwumayɛ yɛ mmerɛw. Sɛ yɛde yɛn ho ma sɛ yɛbɛboa a, yebenya ɔma mu anigye kɛse.—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Enti ɛmmra sɛ onyamesom pa ahofama a yɛwɔ no bɛkanyan yɛn ma yɛakɔ nhyiam yi na yɛanya pii afi mu. Ɛmmra sɛ yebefi hɔ akɔ a wɔahyɛ yɛn den a yɛasi yɛn bo sɛ yɛde onyamesom pa ahofama bɛbɔ yɛn bra yiye asen bere biara.