Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/15 kr. 29
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Mubenya Onyankopɔn Apam Ahorow Mu Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Onyankopɔn Daa Atirimpɔw Ho Apam Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • “Mobɛyɛ Asɔfo Ahemman”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nhyira A Ɛkyɛn So A Apam Foforo No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/15 kr. 29

So Wokae?

So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a ɛba nnansa yi no ho wɔ mfaso kɛse ma wo? Ɛnde dɛn nti na wommfa nea edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ?

◻ Bere a Yesu kae sɛ sɛ obi ‘antan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuabarimanom ne ne nuabeanom ne n’ankasa ne kra nso a’ ontumi nyɛ ne suani no, na ɔkyerɛ dɛn? (Luka 14:26)

Na Yesu nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo no mu bi tan n’abusuafo anaa n’ankasa nkwa ankasa. Mmom no, na ɔkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ osuani dɔ afoforo anaasɛ n’ankasa nkwa sen sɛnea ɔdɔ Yesu.​—1/1, kratafa 8.

◻ Nokwasɛm atitiriw abiɛsa bɛn na aboa ama Adansefo no asɛmpatrɛw adwuma no adi yiye wɔ bere a atwam mu ne mprempren nyinaa?

Biako ne nkurɔfo nkyɛn a wɔkɔ wɔ wɔn afie mu no. Foforo ne Ahenni nkrasɛm a egyina Bible so no tee ne tiawa a ɛyɛ no. Nea ɛtɔ so abiɛsa ne Kristo kwan so ɔdɔ a asɛmpatrɛwfo no yi adi wɔ sɛnea wɔne nkurɔfo di nsɛm no mu no.​—1/1, kratafa 14.

◻ Dɛn nti na Onyankopɔn de Mmara apam no kaa Abraham apam no ho bere tiaa bi?

Mmara apam no daa no adi sɛ Israelfo no yɛ abɔnefo a wohia ɔsɔfo a ɔtra hɔ daa ne afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ. Ɛbɔɔ Aseni no anato ho ban na ɛboa ma wohuu onii a na ɔne saa Aseni no. Ɛkyerɛe nso sɛ da bi Onyankopɔn benya ahene ne asɔfo man.​—2/1, kratafa 16.

◻ Dɛn ne ɔsoro apam ahorow ason a ɛtoatoa so a ɛde daa nhyira brɛ yɛn nyinaa no?

Eden apam no, Abraham apam no, Mmara apam no, Melkisedek akwan so sɔfo apam no, Dawid Ahenni apam no, apam foforo no, ne Ahenni apam no.​—2/1, kratafa 19.

◻ So nsonsonoe ɔpepem pii a ɛwɔ Bible nsaano nkyerɛwee ahorow mu no ma nea Bible no ka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no mu yɛ mmerɛw?

Dabi. Bible ho abenfo ka kyerɛ yɛn sɛ ɛkame ayɛ sɛ saa nsonsonoe ahorow yi nyinaa yɛ nea ɛho nhia biara ma emu asɛm no. Ɛma nokware a Kyerɛwnsɛm no yɛ no ho adanse no mu yɛ den kɛkɛ. (Dwom 119:105; 1 Petro 1:25)​—2/1, nkratafa 29, 30.

◻ Ɛdɛn mu na wɔfaa asɛm “onyame a wonnim sɛ ɔwɔ hɔ anaasɛ onni hɔ” no fii, na wɔde di dwuma dɛn wɔ Bible mu?

Wɔfaa “onyame a wonnim sɛ ɔwɔ hɔ anaasɛ onni hɔ” no fii Hela asɛmfua aʹgno·stos a ɛkyerɛ “nea wonnim” no mu. Paulo de emu bi dii dwuma wɔ ne kasa a ɔde maa Atenefo no mu bere a ɔtwee adwene kɔɔ afɔremuka bi a na wɔahyira so ama “Onyame a Wonnim No” so no. (Asomafo no Nnwuma 17:23)​—2/15, kratafa 5.

◻ Sɛ ɛba sɛ Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ bi te sɛ nea wobetumi anya ho adwene afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

Ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase adwene a tete Kristofo no daa no adi no bi, na yegye gyinae ne akwankyerɛ fi Onyankopɔn asafo no hɔ. (Asomafo no Nnwuma 15:6-29)​—2/15, kratafa 20.

◻ Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi mu” no? (Luka 16:9)

Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi de ahonyade biara a yɛwɔ no boa Ahenni nneɛma na yɛnam saayɛ so ne Yehowa ne ne Ba no fa nnamfo. Wɔn na wobetumi ama yɛn trabere wɔ ɔsoro anaasɛ paradise asase so bere a honam fam ahonyade adi yɛn huammɔ anaa ase ahyew no.​—3/1, kratafa 9.

◻ Sɛ yebenya nhumu a Yehowa de ma no mu mfaso a, nneɛma abiɛsa bɛn na ɛho hia yɛn?

Ehia sɛ yɛkyerɛ Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ; ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no ne mmoa ahorow a wɔde ma a ɛboa yɛn ma yɛte ase no daa; na ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛasua no ne ɔkwan a yɛbɛfa so de adi dwuma wɔ yɛn da biara da asetra mu no ho.​—3/15, kratafa 14.

◻ Dɛn nti na tete Israelfo no yɛɛ ade wɔ ɔkwan a ɛkyerɛe sɛ wonni nhumu koraa so no?

Wɔamfa anisɔ annwen nneɛma a na Yehowa ayɛ ama wɔn no nyinaa ho. (Dwom 106:7, 13)​—3/15, kratafa 17.

◻ Dɛn na “ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 9:16 no gyina hɔ ma?

Saa sɛnkyerɛnne kwan so apɔnkɔ yi nnyina hɔ mma wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔn so rehuan no nko na mmom “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no nso. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16)​—4/1, kratafa 19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena