‘M’ani Nnyee Kɛse da sɛ Nnɛ’
Ɛno ne asɛm bi a ɔbea bi a ɔde afotu a wɔde ama wɔ Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye mu no dii dwuma no kae. Na ɔwɔ aware mu nsɛnnennen na ofii ase ne ɔbea bi a ɔprapra ne fie bɔɔ eyinom ho nkɔmmɔ. Ɔbea ɔpraprafo no kyerɛw sɛ:
“Na afotu biara a mede maa no no fi nhoma no mu pɛɛ. Awiei koraa no meka kyerɛɛ no sɛ mewɔ nhoma bi a ebia n’ani begye ho. Mekyerɛkyerɛɛ sɛnea aboa me ne sɛ nyansa a efi Bible mu pii wom no mu. Nna kakraa bi akyi no, me ne no kasae telefon so na ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔne ne kunu akenkan na wɔasi gyinae sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bedi no yiye kakra.
“Anwummere yi, ɔfrɛɛ me bio, na nea ɛka nsɛm afoforo ho no, ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔn asetra nyɛɛ anigye kɛse saa da sɛ nnɛ. Wɔabom akenkan nhoma no, wɔde Bible no atoto ho, na wɔde nnyinasosɛm ahorow a ɛwom no redi dwuma.”
Sɛ wohwehwɛ mmoa a ɛbɛma w’aware ayɛ nea anigye wom a, wubenya mfaso afi saa nhoma yi mu. Nya bi denam kratasin a ɛwɔ ha no a wobɛhyehyɛ na wode amana no so.
Mesrɛ mo, momfa Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma a ekura nkratafa 192 no biako mmana me. Mede ¢250 ahyem de retua ka.