Faako A Ɔbonsam Fi
Ababaa bi a ɔde bere fã yɛ adwuma sɛ sukuu bɔs sohwɛfo wɔ South Dakota kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘M’adwuma titiriw ne sɛ mɛma mmofra no akɔ so atra wɔn nkongua so na wɔayɛ komm.” Ose:
“Abarimaa no biako haw me yiye. Wadi mfe asia pɛ, nanso ɛtɔ bere bi a, ɔka kasa fĩ. Na ɛsɛ sɛ mede no tra n’akongua so na metra ne nkyɛn a mede me nsa akata n’ano sɛnea ɛbɛma wayɛ komm. Na ɔde ne nan pempem afoforo, otiti wɔn, omiamia wɔn, ɔdome wɔn na oteɛteɛm. Da a nneɛma nkɔ yiye mma me no, ɛhwehwɛ sɛ metra ne nkyɛn na ama wakɔ so atra n’akongua so.
“Nneɛma ankɔ so yiye amma me Fida, na wɔ bere a na mayɛ titirii fi me mmati besi me nan ase no, obisae sɛ: ‘Dɛn nti na Onyankopɔn yɛɛ Ɔbonsam?’ Na Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm biako da bɔs no mu. Meka kyerɛɛ no sɛ nhoma yi bɛboa no ma wahu faako a Ɔbonsam fi. So wubegye adi sɛ yɛabom akenkan Nsɛm no mu 41? Na mayɛ sɛ mɛpow abofra yi bra ama no, nanso ne su asakra adu baabi a sɛ yedu sukuu a, ɔmpɛ sɛ obesi afi bɔs no mu. Ɔpɛ sɛ yɛkenkan nsɛm no pii!”
Nhoma a ɛyɛ nwonwa yi a mmofra afoforo pii asua no ama wɔasakra wɔn su saa ara. Wubetumi anya nhoma a mfonini a ɛyɛ fɛ wom, ne nkyerɛwee yɛ akɛseakɛse na ekura nkratafa 256 yi biako bere a woahyehyɛ kratasin a ɛka ho yi na wode ¢700.00 aka ho amana no so no.
Mesrɛ mo, momfa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no biako mmana me. Mede ¢700.00 ahyem de retua ka.