‘Ayowa a Egyigye Anaa Dɔn a Ɛwosow’
Hena na ɔpɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔyɛ dede kɛse ara kwa? Ɔsomafo Paulo se: “Sɛ . . . minni dɔ a, na mabɛyɛ te sɛ ayowa sin bi a egyigye anaa dɔn a ɛwosow.” (1 Korintofo 13:1, New World Translation) Na Paulo sii sɛnea ɛho hia sɛ wɔde akyɛde titiriw a wɔnam Onyankopɔn honhom so nyae no bedi dwuma ma ɛde mfaso abrɛ Kristofo asafo mũ no nyinaa so dua nkyɛe. Sɛ Kristoni bi nni dɔ a, ahantan ne ahomaso betumi ama wayɛ te sɛ dede bi a ano yɛ den na etuatua aso a ɛpam afoforo mmom sen sɛ ɛbɛtwetwe wɔn.—Hwɛ 1 Korintofo 12:4-9, 19-26.
Ɛyɛ nea yɛte adwene a dɔn a ɛwosow a ɛbɛn yɛn no da no adi no ase wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so, nanso Paulo mfatoho foforo a ɛne ‘ayowa sin a egyigye’ no nso ɛ? (Hela khalkos’ e.kh.on’) Ebinom akyerɛ eyi ase sɛ “dawuru a ɛyɛ dede” (Today’s English Version) ne “dawuru a egyigye dennen” (New International Version). Bere a William Harris rekyerɛw wɔ Biblical Archaeology Review) mu no, ɔda no adi sɛ ekhon’ ne Engiresi asɛmfua a ɛkyerɛ “gyigye” no fi faako, enti na ekura adwene a ɛne nnyigyei no. Nanso ɔka nso sɛ: “Wɔde edin chalkos no di dwuma de ka nneɛma ahorow pii a wɔde kɔbere mfrafrae anaa ayowa ayɛ—akotade, asekamma, dadesɛn, nhwehwɛ, sika, ne apon mpo ho asɛm. Nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔde asɛmfua no gyinaa hɔ maa biribi a wɔde di dwuma wɔ nnwonto mu.” Ɛnde nyansahyɛ bɛn na ɔwɔ?
Ɔtwe adwene si nhoma a Vitruvius, ɔdansifo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan A.Y.B. mu kyerɛwee no so. Vitruvius kyerɛw ɛnne a wɔbɛma wɔate wɔ agodibea a wɔde nneɛma te sɛ marmorabo asi ho haw ho asɛm na ɔkae sɛ wɔde nnyigyei mfiri bi a wɔfrɛ no e-khei’a dii dwuma. Wɔde kɔbere mfrafrae na ɛyɛɛ saa nnyigyei nkuruwa a na wɔhyehyɛ wɔ agodibea bi akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa ma nnyigyei no ano ayɛ den na wɔate. Wɔde eyi bi fi agodibea bi a na ɛwɔ Korinto no mu na ɛbaa Rome bɛyɛ mfe ɔha ansa na Paulo rekyerɛw ne krataa no akɔma Korintofo asafo no.
Wɔka kyerɛ yɛn sɛ Plato kaa kɔbere mfrafrae nkuruwa a na egyigye ntoatoaso te sɛ nea na akasafo bi a wonnim nyansa yɛ no ho asɛm. Eyi ne Shakespeare asɛm a ɛkyerɛ sɛ “ahene pa nkasa” no hyia. Ebetumi aba sɛ na nsusuwii a ɛte saa ara wɔ Paulo adwenem bere a ɔkaa wɔn a wɔka wɔn akyɛde titiriw ho asɛm kɛse nanso wonni akyɛde a ɛso sen biara no—ɔdɔ—ho asɛm no. Wɔyɛɛ dede kɛse nanso na ntease biara ankasa nnim. Na wɔte sɛ dede a ano yɛ den na ɛnyɛ nnyigyei a ɛtwetwe afoforo. Na wo nso ɛ? So ɔdɔ na ɛka wo ma woyɛ w’ade na wokasa anaasɛ woyɛ ‘ayowa a egyigye anaa dɔn a ɛwosow’?