Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 8/1 kr. 32
  • Nnwom a Ɛsa Yare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom a Ɛsa Yare
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 8/1 kr. 32

Nnwom a Ɛsa Yare

ƐNA kumaa bi a ofi Iowa, U.S.A, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo na meka sɛnea mo [sanku] kasɛt ‘Sing Praises to Jehovah’ no kyerɛ ma mene m’abusua no ho asɛm kyerɛ mo. Da biara mededa me ba a wadi mfe abiɛsa no ansa na wada. Nanso nea edi kan no yɛde kasɛt no biako hyɛ afiri a wɔde bɔ nnwom no mu na afei mefa me nnwom nhoma no na metow di akyi bere a ɔrebɛda no.”

Ɛna yi kɔ so ka sɛnea ne ba a ɔwoo no nnansa yi no awo annu so ansa na ɔrewo no, ne amane a ne ba no hui wɔ afiri bi a ɛboa ayarefo ma wotumi home a wɔde rɔba bi ahye ne menewam wom no ho asɛm. Ɔka sɛ: “Mibisaa ayarehwɛfo no sɛ yebetumi de afiri a wɔde bɔ nnwom ne kasɛt abrɛ no anaa. Wɔkae sɛ yebetumi. Ayarehwɛfo no antumi annye sɛnea kasɛt no boaa no ma otumi yɛe komm no anni. Wɔkae sɛ bere biara a ɔyɛ peterepetere no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛbɔ ne nnwom no ama no. Ɔyarehwɛfo biako kae mpo sɛ: “Ɛkaa me nko a, anka yɛwɔ nnwom yi bi ma mmofra no nyinaa. Ɛyɛ dɛ yiye. Nea mmofra yi nyinaa te ne dede a mfiri a wɔde hwɛ sɛnea wɔn ho te no ye no.’”

Nokwarem no, nnipa pii ahu sɛ nnwom yi sa wɔn kra yare. Kasɛt awotwe na ɛhyɛ album fɛfɛ a wɔato din se “Sing Praises to Jehovah” no mu na ɛyɛ ¢2,250.00. Wo nsa betumi aka wo album no denam kratasin a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ na wode sika no aka ho amana no so.

Mesrɛ mo, momfa “Sing Praises to Jehovah” album a kasɛt awotwe hyem no mmana me. Mede ¢2,250.00 ahyem de retua ka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena