Mmofra Akyɛde A Ɛda Nsow
ASƐM a efi komam a mmofra ka taa ma mpanyimfo gyina susuw nneɛma ho. Bere bi, bere a mmarimaa bi hui sɛ Yesu ayɛ n’awonwade ahorow no mu binom awie akyi no, wofii ase teɛm sɛ: “Hosiana Dawid ba no no.” Nyamesom akannifo no ampene eyi so. Esiane sɛ na ahoɔyaw afura wɔn ani nti, wɔantumi anhu sɛ na Yesu ne ɔhene Dawid aseni a ɔne Mesia no. Nanso Yesu maa wɔn mmuae na ɔkae sɛ: “Monkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na [Onyankopɔn] asiesie ayeyi, anaa?” (Mateo 21:15, 16) Ɛnnɛ, Onyankopɔn da so ara de ‘nkokoaa ano’ redi dwuma de aboa wɔn a atoro nkyerɛkyerɛ afura wɔn adwene ani no.—2 Korintofo 4:4.
◻ Daleen a wadi mfe 12 no daa ne ho adi sɛ obi a otumi di asɛyɛde ho dwuma wɔ sukuu. Da koro wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma sukuufo no nnya biribi nyɛ bere a ne kyerɛkyerɛfo reyɛ adwuma foforo no. Na dɛn na ɔbɛyɛ? Daleen kae sɛ: “Misii gyinae sɛ mɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ me mfɛfo sukuufo no sɛ atreneeefo bɛtra ase daa wɔ asase so ne sɛ, obiara renkɔ soro.” Esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no maa no kwan nti, ɔne ne yɔnko sukuuni bi a ɔdaa ɔpɛ a ɔwɔ adi sɛ ɔne no bɛka n’asɛm no akyerɛ wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so no yɛɛ saa. ɔkenkan kyerɛw nsɛm ahorow pii kyerɛe a Dwom 37:29 ka ho: ‘”Treneefo benya asase no adi, na wɔtra so daapem.” Wotiee no dɛn? Daleen ka sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo no gyaee adwuma a na ɔreyɛ no na ɔyɛɛ aso tiei te sɛ mmofra no ara pɛ. Wɔ ɛno akyi no, ɔdaa m’ase na mmofra no mu binom bisaa nsɛm ahorow.”
◻ Lilian a wadi mfe 5 no ne n’awofo te baabi a efi hɔ kɔ South Africa kurow ketewaa bi a wɔtaa kɔ adesua na wɔyɛ afie afie asɛnka wɔ hɔ no yɛ akwansin 12. Kwasida bi esiane sɛ na wɔn kar baabi asɛe nti, n’awofo sii gyinae sɛ wɔrenkɔ. Lilian bisae sɛ: “Dɛn nti na yɛrenkɔ asɛnka?” Esiane sɛ n’ani annye nea enti a wɔankɔ no ho nti, ɔkae sɛ: “Meremma ɛno nsiw me kwan.” Akyiri yi ne na hui sɛ Lilian ne n’adansedi bag nyinaa nni hɔ, na abeawa ketewaa no ani abere rekɔ afie a ɛbemmɛn no mu na ɔde Bible nhoma ahorow remema nkurɔfo kwa—ne maame ankasa Bible ka ho! Ɔbea panyin bi ani gyee Lilian nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Paradise a ɛreba no ho araa ma akyiri yi ɔpenee so sɛ ɔne Lilian maame besua Bible no. Awiei koraa no, ɔbea yi bɛyɛɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so.
Yiw, Onyankopɔn da so ara de ‘nkokoaa ano’ redi dwuma na ama wɔde ayeyi ama. Wɔn mmɔdenbɔ betumi aka mpanyimfo koma kɛse. Ɛnde wɔ ɔkwan a ɛfata so no, mmofra ne mpanyin ka nsato kɛse yi ho a ɛne sɛ: “Munyi [Yehowa] ayɛ mfi asase so . . . mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra. Wonyi [Yehowa] din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso.”—Dwom 148:7, 12, 13.