So Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim No Daakye Aduru Sum?
ƆHENE Dawid kae sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora.” Wɔ Bible mmere no mu no, na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no yɛ nnipa a wɔnnɔɔso a wobu wɔn. Nanso sɛ tebea a ɛwɔ hɔ mprempren no kɔ so a, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ayɛ nnipa a wɔadɔɔso wɔ bere tiaa bi mu nko, na mmom wɔbɛyɛ nnipa a wommu wɔn nso.
Wobu akontaa sɛ nnipa a wɔadi mfe boro 65 ɔpepem 26 wɔ United States nkutoo. Ebedu afe 2040 no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn dodow yi betumi abu abɔ ho mpɛn abiɛsa! Sɛnea Asiaweek nsɛmma nhoma no kyerɛ no, aman bi a ɛwɔ Asia no “hwɛ kwan sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ hɔ no dodow bebu abɔ ho wɔ mfe du a ɛreba no mu.” Nanso hwɛ a wɔhwɛ kwan sɛ aka kakraa na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no adɔɔso asen nnipa a wonnyinii no nyɛ asɛmpa mma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Wɔn mu pii hu sɛ ahia wɔn na wonni afie a wɔtete mu. Wokogyaw afoforo gu ayaresabea anaasɛ mmeae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wonwuwu—a wɔn nkutoo na wɔwɔ hɔ, wɔnkɔsra wɔn na wɔnhwɛ wɔn nso.
G. M. Ssenkoloto kyerɛw kɔmaa World Health nsɛmma nhoma no sɛ: “Wɔ amammerɛ kwan so no, abusua biara hwɛ mmerewa a ɛwom no wɔ Afrika aman ne wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no pii mu. Afipamfo anaasɛ nnipa a wɔwɔ akuraa no ase nyinaa hwɛ ɔbea a onni mmofra biara a wɔbɛhwɛ no no.” Nanso ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnyinasosɛm a akyɛ no resakra. Sikasɛm tebea a enye, nneɛma a wɔnkyekyɛ no yiye, honam fam nneɛma a wɔpɛ sɛ wobenya, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔabu wɔn ne dibea a wobenya—eyinom resi tete nnyinasosɛm pa a ɛfa mmoa a wɔde bɛma wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho no ananmu.”
Enti Bible kyerɛwfo Agur asɛm a ɔkae no rebam kɛse: “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn nã.” (Mmebusɛm 30:11) Yiw, wɔregye dibea a obu wom a na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ wɔ tete bere no mu no afi wɔn nsam. Nnipa pii bu wɔn sɛ wɔyɛ ka na wɔnyɛ agyapade. Ne titiriw no, anidaso a wɔwɔ no aduru sum.
Nanso, nokware Kristofo bu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no dɛn? So wokura “tete nnyinasosɛm pa” a ɛfa wɔn ho no mu?