Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 9/1 kr. 31
  • Nokwaredi Ne Ayeyi Brɛ Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokwaredi Ne Ayeyi Brɛ Yehowa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Di Nokware Wɔ Nneɛma Nyinaa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Sɛnea Yɛbɛkɔ So Adi Nokware wɔ Wiase a Nokwaredi Nnim Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Dɛn Na Ɔnokwafo A Wobɛyɛ No Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Di Nokware Wɔ Biribiara Mu
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 9/1 kr. 31

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nokwaredi Ne Ayeyi Brɛ Yehowa

YEHOWA hwehwɛ sɛ ne nkoa bedi nokware, ayɛ nnipa a wɔteɛ na wotumi de ho to wɔn so. Sɛ nhwɛso no, wotuu Mose fo sɛ ɔmpaw ahwɛfo a na “wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere.” (Exodus 18:21) Esiane sɛ Yehowa Adansefo te sɛ saa mmarima a wɔpaw wɔn no nti, wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wotumi de wɔn ho to wɔn so, sɛnea osuahu a edidi so yi kyerɛ no.

◻ Sikakorabea bi sikakorafo dii mfomso tuaa Ɔdansefo bi a ɔyɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea wɔ Ghana no ka ma ɛboro so ¢50,000.00. Sikakorafo no anaasɛ onua no anhu mfomso yi wɔ saa bere no mu. Nanso bere a onua no duu fie no, ohui sɛ wɔatua no ka ma aboro so na ɔde sika no san kɔɔ sikakorabea hɔ ntɛm ara. Bere a sikakorafo no huu onua no, ɔteɛm sɛ: “Ɔno ni! Wasan aba ampa! David, wo nipa no de sika no aba!” Ɔde sika no maa sikakorafo no. Ná David a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea koro no ara hɔ ama sikakorafo no ne afoforo a na wonim mfomso a aba no anya awerɛhyem sɛ onua no de sika no bɛsan aba ntɛm ara sɛ ohu mfomso no a.

Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Bere a na eyi rekɔ so no, na aniwa nyinaa” rehwɛ anuanom baanu no. Nea ɔsan de sika no kɔe no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wiɛ, ná mintumi mfa ahonim pa mfa sika yi wɔ me Nyankopɔn, Yehowa no anim.” Asɛm a esii yi maa obu a sikakorabea no adwumayɛfo wɔ ma Ɔwɛn Aban Asafo no dedaw no yɛɛ kɛse.

Nokwaredi ma wɔkyerɛ obu ma obi, ne titiriw wɔ wiase a wonni nokware koraa wom yi mu. Na onua yi nim sɛ obebu akontaa akyerɛ obi a ɔkorɔn sen onipa a ɔne Yehowa Nyankopɔn. Nokwaredi a ɛte sɛɛ no de ayeyi brɛ Yehowa efisɛ ɔyɛ “nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu.”—Deuteronomium 32:4.

◻ Nokwaredi ne ahonim pa mu a wokura wɔ Onyankopɔn anim yɛ nea wɔaka ho asɛm nso wɔ osuahu bi a ɛfa aberante bi a ɔwɔ Thailand ho no mu. Na wakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na na wafi ase de Bible mu afotu a ohui wɔ nsɛmma nhoma yi mu no redi dwuma. Ná ɔyɛ n’adwumayɛbea sika akontaabufo panyin na esiane sɛnea nnwuma pii taa yɛ ne sɛ wobenya nhoma abien a wɔyɛ kyerɛwtohɔ wom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentua tow nti, n’ahonim fii ase haw no. Bere a okohuu adwuma no so panyin wɔ asɛm yi ho no, adwuma no so panyin no serew kɛkɛ. Afei asɛm foforo baa nsɛmma nhoma no biako mu a na esi hia a nokwaredi ho hia so dua. Esiane sɛ na n’ahonim haw no nti, sika akontaabufo no bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne n’adwuma no so panyin no bedi saa tow tua ho asɛm yi ho dwuma. Ná ɛyɛ sika a ɛdɔɔso. Ade kyee anɔpa no, ɔka kyerɛɛ adwuma no so panyin no sɛ ɔmma no kwan ma ɔnkotua tow no, na nea ɛyɛɛ no nwonwa no, ɔpenee so a wannye akyinnye bio.

Mprempren ɔbarima yi wɔ anigye bere a ɔde nokwaredi tra ase wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim no. Nyansa kwan a ɛte sɛɛ ma Yehowa nso ani gye efisɛ Mmebusɛm 27:11 ka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena