Mfaso A Ɛwɔ Mfonini A Ɛkyerɛkyerɛ So
Mfonini a wabu taa yɛ nea etu mpɔn kɛse wɔ nsɛm a ɛho hia a wɔkyerɛkyerɛ mu. Ɛna bi kyerɛkyerɛ sɛnea mfonini a ɛte saa ma onyaa awerɛkyekye mu:
“Mfonini ahorow a ɛwɔ Wubetumi Atra ase Daa wo Paradise wɔ Asase So nhoma no mu no yɛ nea m’ani gye ho titiriw esiane ma a ɛma wutumi de w’adwene si nea wɔresusuw ho no so no nti.
“Nanso anisɔ a mewɔ wɔ ho no bɛyɛɛ kɛse Kwasida a etwaam no bere a yɛn abusua no muni bi nyaa akwanhyia no. Yɛn ba kumaa, Aaron, nsa mu bui, na oduruyɛfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ gye sɛ woyɛ no oprehyɛn ansa na ayɛ yiye. Bere a wɔde yɛn ba no rekɔ no, metee nka sɛ me koma reyɛ atew. Bere a bere kɔɔ so no, m’adwennwene no mu bɛyɛɛ den.
“Afei mfonini a ɛwɔ ti 11, wɔ kratafa 100 no baa m’adwene mu. Nea ɛwɔ hɔ no mu asɛm tiawa ne sɛ, ‘Sɛnea ɔwofo bɛma kwan ma wɔayɛ ne ba oprehyɛn a eye yaw no, saa ara na Onyankopɔn nso wɔ ntease pa a enti wama kwan ma adesamma hu amane bere tiaa bi no.’ Bere a mekɔɔ so susuw adwene a ɛwom no ho no, minyaa Onyankopɔn asomdwoe, na mitumi hyɛɛ me ho den na midii me ho so.”
Mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛboro 150 wɔ nhoma fɛfɛ yi mu. Hyehyɛ kratasin a ɛwɔ ase ba no na fa c250 (nketewa no yɛ c125) ka ho mana na wo nsa bɛka biako.
Mesrɛ mo momfa Wubetumi atra Ase daa Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no biako mmana me. Mede c250 [anaa c125] ahyem de retua ka.