Tumi A Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwammɔne So Nnɛ Bere Yi
WƆ MMARA a wɔnam Mose so de mae no mu no, Ɔbɔadeɛ no kasa tiaa adanmude a atemmufo begye denneennen. (Exodus 23:8; Deuteronomium 10:17; 16:19) Yebetumi ahu nyansa a ɛwɔ afotu yi mu no denam nnɛyi nsɛm a ɛfa tumi a aban mpanyimfo de di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ho no a yebehu no mu.
Eyi mu biako fa Ɔtemmufo Martin T. Man on ho. Wɔ 1918 mu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiw mmɔden a Yehowa Adansefo a na saa bere no wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo rebɔ sɛ wɔbɛma wɔayi J. F. Rutherford ne ne mfɛfo baason afi afiase no ano. Wɔtotoo Kristofo baawɔtwe yi ano sɛ wɔresɛe ɔko ho nhyehyɛe a wɔayɛ no, na wɔde wɔn koguu afiase wɔ Atlanta, Georgia. Atemmufo baasa a wɔde wɔn asɛm kɔdan wɔn no mu biako ne Manton. Wampene so, nanso atemmufo baanu a wɔaka no maa kwan ma wogyaa wɔn, na wɔkyerɛe sɛ nea wɔka too wɔn so no nyɛ nokware.
Ná Manton a ɔtemmufo bɛn? Ná nsɛm ho amanneɛbɔfo ka sɛ “ɔyɛ ɔtemmufo kɛse [wɔ United States] a odi atemmufo akunini baakron no akyi.” Ná ɔyɛ Amerika asɔrekɔfo atitiriw no mu biako a paapa no bɔɔ n’aba so. Manton asehwe bae bere a wobuu no fɔ de no kɔtoo afiase mfe abien na wɔbɔɔ no ka $10,000 no. Dɛn ntia? Ná ogye sika wɔ atemmu mu. Nea ɛsen saa ne sɛ, na ohunahuna wɔn a odi wɔn asɛm no ka sɛ, sɛ wɔantua sika kɛse amma no a, obebu wɔn fɔ. The New York Times kae wɔ ne ho sɛ: “Ahunahuna rekɔ so wɔ ɔman no asennibea.” Atemmu tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so bɛn ara ni!
Mfe bi akyi no, asɛm foforo daa adi a ɛfa Spiro Agnew a na ɔyɛ United States ɔmampanyin abadiakyiri wɔ 1969-73 mu no ho. Wɔkae sɛ wasisi aban no wɔ dɔla ɔpepem pii bi mu na eyi ma ogyaee adwuma. Wɔ 1983 yi ara mu no, okotuaa sika a ɛboro $250,000 maa Maryland ɔmantam no, esiane adanmude ahorow a ogyei nti.
Afei Richard M. Nixon a ɔpaw Agnew sɛ n’abadiakyiri asɛm no nso wɔ hɔ. U.S. Mmarahyɛ bagua no fa a ɛhwehwɛɛ. Watergate asɛm no mu no kamfo kyerɛe sɛ, wɔmma Nixon mmeyi ne ho ano wɔ nsɛm abiɛsa ho: Sɛ́ ɔde tumi a ɔwɔ sɛ ɔmampanyin no adi dwuma wɔ ɔkwamɔne so; sɛ́ wadan atemmu ani; ne sɛ́ wanyɛ nea asennibea no hwehwɛ. Ebia woate sɛ ogyaee adwuma August 9, 1974 mu, bere a aka mfe abien ne fã ansa na ne bere aso no.
Tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so yi kɔ so wɔ wiase nyinaa. Sɛ nhwɛso no, Canada Maclean’s nsɛmma nhoma a ɛbae July 15, 1985, no bɔɔ amanneɛ wɔ “ɔbrasɛe apontow ahorow a ɛkɔ so wɔ Parliament Hill . . . ne sika ahorow a wodi” ho. Ɛkae sɛ, wɔ apontow bi ase no aban mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ ɔbea bi a wadi mfe 30 sɛ: “Sɛ woanyi w’atade a, worennya adwuma.”
Bɛyɛ saa bere no ara mu no nsɛmma nhoma bi daa asɛm bi adi a ese “Ɔporɔw Twentwɛn China Botae Ase.” Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nnansa yi de, nsɛm ho amanneɛbɔfo ka sika a wɔyɛ no basabasa a ebi fa aban mpanyimfo ho ho asɛm da biara.”
Ɛda adi sɛ wɔn a wɔde tumi di dwuma wɔ ɔkwammɔne so yi nyinaa bu wɔn ani gu nnyinasosm a Kristo daa no adi no so, sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.”—Mateo 10:26.