Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 3/1 kr. 3-4
  • Adiyisɛm No Mu Apɔnkɔ Sotefo A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adiyisɛm No Mu Apɔnkɔ Sotefo A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Apɔnkɔ Sotefo No Ho Ahintasɛm No A Wohu Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Woba Mu Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 3/1 kr. 3-4

Adiyisɛm No Mu Apɔnkɔ Sotefo A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa No

WODE anigye hwɛ ɔpɔnkɔ a ne kɔn mu ne ne dua ase nhwi asɔresɔre a ɔrehome denneennen bere a osian abotan bi no. Sɛnea ne sotefo no atra ne so no ma ɛyɛ te sɛ nea ɔyɛ ɔpɔnkɔ a ɔde mmirika rehuruhuruw no honam fã.

Sɛ́ ɛyɛ nea woakɔ baabi a wɔyɛn anantwi wɔ Australia nsrahwɛ anaasɛ wowɔ wiase no fã foforo wɔ Amerika tataw so baabi a wɔyɛn mmoa no, ɔpɔnkɔ sotefo a ne ho akokwaw ankasa a wubehu no no yɛ anigye ampa. Nea ɛyɛ fɛ saa ara ne apɔnkɔ a wɔatete wɔn yiye a wɔato santen ne wɔn sotefo.

Apɔnkɔ sotefo a wɔte sɛɛ ne tra a wɔtra apɔnkɔ so no ma yɛn ani gye. Nanso ɛyɛ anigye sɛ wubehu apɔnkɔ ne wɔn sotefo a Adiyisɛm nhoma no kyerɛwfo huu wɔn no! Ɛyɛ ahintasɛm a ɛyɛ nwonwa nso. Wɔtaa ka apɔnkɔ sotefo yi ho asɛm kɛse sɛ Adiyisɛm no mu Apɔnkɔ Sotefo No.

Afei fa no sɛ apɔnkɔ sotefo baanan a wɔn ho akokwaw a obiako mpo renyam nkrante no reba faako a wowɔ no! Hyɛ wɔn apɔnkɔ no kɔla ahorow no nsow. Ɛsono wɔn mu biara. Biako yɛ fitaa, ɔfoforo yɛ kɔkɔɔ, nea odi hɔ yɛ tuntum, na nea otwa to a ɛte sɛ nea ɔyare no yɛ nsõnso. Ɛyɛ adehu a ɛyɛ nwonwa ampa.

Di kyerɛwtohɔ a ɛfa nea Bible ɔkyerɛwfo Yohane hui no akyi. Ose: “Mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura ta. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkonim na wakodi nkonim. . . . Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi. . . . Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam. Na metee nne bi . . . a ese: Awi susukora [yɛ da koro akatua], na aburow susukora abiɛsa [yɛ da koro akatua] . . . Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsõnso bi ni, na nea ɔte no so no din de Owu, na asaman di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa afoa ne ɔkɔm ne owu ne asase so mmoa nkunkum wɔn.”​—Adiyisɛm 6:2-8.

Efi bere a wodii kan kyerɛw anisoadehu yi too hɔ no, ne nkyerɛase ayɛ adwennwene kɛse ama akenkanfo pii. Apɔnkɔ a wɔn ho yɛ nwonwa yi ne wɔn sotefo no gyina hɔ ma dɛn? Bere bɛn na wofii ase traa wɔn so? So tra a wɔtra wɔn so no wɔ tumi bi wɔ asetra so nnɛ? Wɔde nkyerɛase ahorow pii ama wɔ nea ebetumi ayɛ nea apɔnkɔ no ne wɔn sotefo no gyina hɔ ma ne bere a wɔtra wɔn so ankasa no ho.

Wohu nsonsonoe a ɛsen biara no wɔ nkyerɛase a wɔde ma wɔ ɔpɔnkɔ fitaa no ne ne sotefo ho no mu. Sɛ nhwɛso no, New Catholic Encyclopaedia kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔpɔnkɔ fitaa no gyina hɔ ma ‘nkonim a asɛmpa no anaasɛ ahempɔnsɛmdi di.’

Uriah Smith de nkyerɛase yi ma wɔ Daniel and the Revelation nhoma no mu: “Ɔpɔnkɔ fitaa . . . yɛ nkonim a asɛmpa no dii wɔ afeha a edi kan mu no ho sɛnkyerɛnnede a ɛfata . . . Yɛ a ɔpɔnkɔ no yɛ fitaa no kyerɛ kronkron a na gyidi no yɛ saa bere no.”

The Expositor’s Bible no se: “Wɔ ɔpɔnkɔ sotefo a odi kan no ho no, ɛnyɛ onipa Kristo na mmom ɔkwan a ɔfaa so no na wɔda no adi kyerɛ yɛn wɔ ne nkonimdi a edi kan a ɛkɔɔ so ne ne daakye nkonimdi ho bɔhyɛ no. . . . Yɛahu ɔkwan a ɔfaa so yi wɔ wiase, ne sɛ ahenni yi wɔ yɛn mu, ne sɛ wɔn a wɔsɔre tia bedi nkogu kɛse.” Nanso Woodrow Kroll a ɔwɔ Christian Jew Foundation mu no te nka sɛ nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so no ne Antikristo no.

Ebinom aka sɛ apɔnkɔ anum ne ɛsotefo na ɛwɔ hɔ na ɛnyɛ anan pɛ. Enti yɛbɛyɛ dɛn ahu nkyerɛase ahorow pii no mu nea ɛteɛ? Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ne nkyerɛase a ɛteɛ wɔ hɔ? Henanom ne Adiyisɛm no mu apɔnkɔ sotefo a wɔn ho yɛ nwonwa yi, na bere bɛn na wofii ase traa wɔn so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena