Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 6/1 kr. 15
  • Wɔkamfo Nhyiamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔkamfo Nhyiamfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Amantam Nhyiam​—Edi Nokware no Ho Adanse Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • 1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • 1995 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 6/1 kr. 15

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔkamfo Nhyiamfo

ƆSOMAFO Paulo kae wɔ Romanfo 13:3 sɛ, “Ɛnde yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyi.’ Eyi baa mu wɔ mfe abien a etwaam “Ahenni Nkɔso” nhyiam ahorow no ase wɔ Brazil.

Sɛ nhwɛso no, wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ João Pessoa akyi no, agumadibea no so panyin ka kyerɛɛ nhyiam boayifo no sɛ: “Mema mo mo wɔ ɔkwan pa a monam so yɛɛ nhyiam no ne mo ne mo mma su pa no ho. Nyamesom ahyehyɛde foforo biara nni hɔ a wɔda su pa a ɛte saa adi. Sɛ yɛde ha ma mo a, yensuro wɔ biribiara ho. Agumadibea no wɔ hɔ ma mo bere biara a mopɛ sɛ mode bedi dwuma no.”

Wɔtee nsɛm a ɛte saa ara fii afoforo pii hɔ.

◻ “Me ne nnipadɔm pii ayɛ adwuma mfe pii nanso mo ne nnipa a moyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ, mo ho tew na moboa kɛse sen biara.”​—Maracanãzinho Agumadibea a ɛwɔ Rio de Janeiro so panyin.

◻ “M’ani gye mo ahyehyɛde no ho ankasa. Sɛ anka Yesu ba nnɛ a, migye di sɛ asɔre a ɛbɛsɔ n’ani ne mo de no.”​—Obi a odum gya a ɔyɛ adwuma wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Rio de Janeiro no biako ase.

◻ “Monhaw yɛn [polisifo] koraa. Ɛkaa me nko a anka obiara te sɛ mo. Ɛbɛyɛ nwonwa. Sɛ mebɔ m’abɛn a, mudi so a munnye akyinnye biara.”​—Polisini a ɔkyerɛ kar kwan a wɔma ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ Curitiba nhyiam ase.

◻ “Yɛpɛ sɛ yɛde hokwan yi kamfo mo wɔ nneɛma a moyɛɛ no pɛpɛɛpɛ ne mo abrabɔ pa a ɛyɛ nwonwa no ho na ɛyɛ yɛn pɛ sɛ nea mobɛyɛ daakye biara bewie nkonimdi mu, na kurow yi wɔ hɔ ma mo a mubetumi abɛyɛ wom bere nyinaa.”​—Krataa a nhyiam sohwɛfo nsa ka fii kurow no sohwɛfo dwumadibea wɔ Santo Andrẽ.

◻ “Ná nsonsonoe kɛse da mo su ne afoforo a wɔada yɛn ahɔhodan ahorow no mu pɛn no ntam. Mo nkurɔfo no dii nneɛma a ɛwɔ hɔ no ni na wɔn abrabɔ daa obu a wɔwɔ ma afoforo no adi.”​—Ahɔhodan sohwɛfo wɔ Novo Hamburgo.

◻ “Migye di sɛ wotua mo ka kɛse.” Abodootofo bi a ɔde paano brɛɛ nhyiamfo wɔ Sorocaba a ohuu sɛnea anuanom reyɛ adwuma dennennen wɔ hɔ no. Bere a ɔtee sɛ wɔn nyinaa yɛ adwumayɛfo a wontua wɔn ka a wɔatu wɔn ho ama no, ɔsan kɔɔ faako a ɔto paano no na ɔkɔfaa n’adwumayɛfo nyinaa baa agumadibea hɔ sɛ wɔmmɛhwɛ wɔn nsiyɛ ne ahofama no!

Nsɛm ho amanneɛbɔfo mpo tee nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ Brazil no ho asɛm. Tribuna da Bahia de amanneɛbɔ yi mae. Bere a Adansefo no kura Bible wɔ wɔn nsam na wɔrehwɛ ne nkyekyem ahorow a ɛbɛkyerɛkyerɛ adesamma basabasayɛ ne nnaadaa mu no, wɔnka amammuisɛm ho asɛm, wɔnsɔre ntia asetra mu nhyehyɛe ahorow na wonnim abatow ho hwee. Eyi te saa, efisɛ ɛyɛ nokware sɛ ɛmfa ho sɛ hena na ɔyɛ sodifo no, ɔrentumi nkari pɛ efisɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi adi wiase no so pɛpɛɛpɛ . . . . Nea wɔn gyidi gyina so ne nhyehyɛe foforo bi a ɛreba a obi betumi anya denam Bible no a ɔbɛkɔ so asua ne ne suban bɔne ahorow a ɔbɛsakra na wanya koma pa no so”

Ɛwom, Yehowa Adansefo nka sɛ wɔyɛ pɛ nanso wogye di sɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyehyɛe foforo a edi mũ bɛba. Nanso wɔabɔ mmɔden sɛ wɔde afotu a ɛwɔ 1 Petro 2:12 no bedi dwuma: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na . . . wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.”

[Kratafa 15 mfoni]

Kristofo abrabɔ hyɛ Onyankopɔn anuonyam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena