“Yɛn Haw Ahorow Nyinaa Ano Aduru”
Ɛno ne nea abofra bi a ofi Puerto Rico ka sɛ ɛwɔ Your Youth—Getting the Best out of It nhoma no mu. Ɔkyerɛw sɛ:
“Nnansa yi ara na mekyerɛw mo krataa faa ɔhaw bi a na mihyia a ɛne boasipem ho, na mesrɛe sɛ momma me ɛho afotu bi denam ka a mobɛka ho asɛm bi wɔ mo nsɛmma nhoma no mu no so. Wiɛ, m’adamfo bi a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako de nhoma a wɔfrɛ no Youth—Getting the Best out of It maa me sɛ menkenkan. Ɔde maa me wɔ bɛyɛ ɔsram biako a atwam no mu. Mepɛ sɛ mema mo te sɛ efi bere a mekenkan nhoma yi ti 5 no, menyɛɛ saa ade yi bio. Maba abehu sɛ boasipem nyɛ ade a obi hia ankasa. . . .
“Mepɛ sɛ anka abofra biara kenkan saa nhoma yi a n’asɔre a ɔkɔ mfa ho. Ɔhaw ahorow a mmofra nyinaa hyia yɛ biako, na nhoma yi te sɛ ademude, efisɛ ekura yɛn haw ahorow nyinaa ano aduru. . . . Ɛsɛ sɛ mokɔ so tintim nhoma ahorow ma mmofra, efisɛ nhoma yi te sɛ nsuonwini kuruwa biako a ɛma obi ho dwo no wo wiase a nnubɔne ne ɔbrɛase ahyɛ mu ma yi mu.”
Wɔ boasipem ne mmarima a wɔne wɔn ho da ho asɛm a nhoma yi ka akyi no, ɛka nnubɔne ne nsa a wɔde di dwuma, agumadi, nnwom asaw, nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi, nantew a edi aware anim ne nsɛm afoforo pii a ɛfa mmofra ho, ho asɛm. Wubetumi anya biako denam kratasin a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ de amana no so.
Mesrɛ mo, momfa Youth—Getting the Best out of It nhoma a ekura nkratafa 192 a akyi yɛ den no biako mmana me. Mede ₵60 ahyɛ mu de retua ka.