“Me Kwankyerɛfo Ne Me Fotufo”
Your Youth—Getting the Best out of It nhoma no ayɛ saa ama aberante bi a ofi Senegal, West Africa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ́ Kramoni no, m’ani gyee ɔkwan a mofa so hwehwɛ mmerante ne mmabaa ɔhaw ahorow mu no ho. Mo ne wɔn di wɔ nyansam. Me fam de, mo nhoma no sen nhoma ara kwa—ɛyɛ me kwankyerɛfo ne me fotufo, na ɛbɛyɛ saa bere nyinaa.
“Sɛ́ obi a mebɛyɛɛ ayisaa fi bere a midii mfe dubiako no, me ne me nanabea na ɛtrae kosii sɛ midii mfe dunkron. Mprempren madi mfe aduonu. Sɛ m’abrabɔ nya nkɛntɛnso pa wɔ nnipa a atwa me bo ahyia no so a na efi Youth nhoma no. Merentumi nkan mpɛn dodow a makenkan asan akenkan bio no. Mete nka sɛ biribiara a moka ho asɛm no yɛ nea ɛfa me ho titiriw. Me ne me nnamfo nyinaa nso akenkan mo nhoma no. Wɔn nso ka sɛ ɛyɛ nimdeɛ ademude a ɛso bi nni.”
Nea ɛka nhoma yi atiri 24 no ho ne: “Wubu Nteɛso Dɛn?” “So Ɛsɛ sɛ Wonom Nsa a Ano Yɛ Den?” “Nnwom ne Asaw Ko a Wopaw,” “So Ɔbarima ne Ɔbea Nna Mu Abrabɔ Pa Yɛ Nea Nyansa Wom?” ne “Nhyehyɛe a Wɔyɛ Pue ne Nantew a Edi Aware Anim.” Wo nsa betumi aka mmoa fɛfɛ a ɛma asetra yɛ yiye yi bi denam kratasin a ɛwɔ ase ha no a wobɛhyehyɛ de ₵40 aka ho amana no so.
Mesrɛ mo, momfa Your Youth-Getting the Best out of It nhoma no biako mmana me.