‘Moama Manya Akokoduru Kɛse’
Wɔ krataa a ɔbea bi ofi Quebec, Canada, de reka sɛ ɔpɛ sɛ ɔkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi mu no, ɔkyerɛwee sɛ:
“Makenkan mo nhoma ahorow no mfe pii ni na mihui sɛ eye dodo. Hwɛ sɛnea moakyekye me werɛ anaasɛ sɛnea moateɛ me so mpɛn pii ne sɛnea moama me koma anya anigye. Moama manya akokoduru kɛse nso. . . . Me ne me mmabea baanan no da mo ase.”
Wo nso wo nsa betumi aka nsɛmma nhoma abien a egyina Bible so yi bi wɔ wo fi denam kratasin a ɛwɔ ase ha no a wobɛhyehyɛ de amana no so.
Mesrɛ mo merekra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no afe biako. Mede ₵160 ahyem.