So Worehwehwɛ Nokware Gyidi Ankasa?
SO WOREHWEHWƐ nokware no ankasa, worepɛ akyi kwan? Ebia wubebua sɛ: “Yiw, mereyɛ saa!”
Nanso nnipa pii nhwehwɛ nokware no ankasa. Nokwarem no, ebia wɔrempɛ sɛ wobegye adi mpo. Dɛn nti na obi rempɛ sɛ obegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ Bible no ne ne bɔhyɛ ahorow ma daakye a ɛda nsow no yɛ n’Asɛm a ɛyɛ nwonwa?
Wɔ ebinom fam no, ebia nokwasɛm ahorow yi a wobegye atom bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu. Esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛma wɔn asetra ne Onyankopɔn akwan ahyia nti, ɛsɛ sɛ wɔma adwenem naayɛ ne akyinnyegye ahorow sɔre na wonya adwene sɛ Bible no nyɛ nokware.
Ebinom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu mpo betumi ayɛ saa. Nokware no ye ma wɔn, nanso ebia wɔbɛkɔ so ara wɔ sum ase nneyɛe bi a wonim sɛ Onyankopɔn Asɛm bara mu. Enti wɔtwentwɛn wɔn nan ase anaasɛ wɔde nkakrankakra twe wɔn ho. Bible no se: “Ɛnam ahonim pa a nnipa binom annya so na woguu gyidi ho asu.”—1 Timoteo 1:19, The New English Bible.
Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, nokware no maa nnipa pii bo fuwii. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ ade wɔ ɔkwan a wɔpɛ so nti, wɔpowee sɛ wobegye adanse a emu da hɔ no atom. Ɔrefa tete nkɔmhyɛ ahorow no bi mu nsɛm aka no, Yesu kae sɛ wɔn koma apirim. Ná wɔamuamua wɔn ani, asiw wɔn aso “na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho” na wɔansa wɔn yare honhom mu.—Mateo 13:14, 15.
Ebia nnipa a wɔte saa bɛka no tiawa sɛ wɔmmaa nneɛma mu nnaa hɔ. Ebinom a wɔsɔre tiaa Yesu no bisaa no sɛ: “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee.” Nanso te a wɔante ase no mfi Yesu; efi wɔn ankasa. Yesu buae sɛ: “Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m’agya din mu no, ɛno na edi me adanse. Na mo de, munnye nni; efisɛ mumfi me nguan no mu.”—Yohane 10:24-26.
Sɛ obi mpɛ sɛ obetie nokware no na wate ase na wadan ne ho na wanya ayaresa a, Satan Ɔbonsam de saa nokwasɛm no bedi dwuma. Satan fura “wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.”—2 Korintofo 4:4; hwɛ Mateo 13:10-15 nso.
So eyi kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbɛte asɛmpa no na wɔate ase? Ɛnyɛ saa na ɛkyerɛ! Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ne fã kɛse no ara gyina wo, otiefo no so.
Sɛ worehwehwɛ nokware gyidi ankasa a, wote nka sɛ nea Bible ka no yɛ nokware. Nyamesom asɔfo a na wɔyɛ ahantan ne ahomaso a wɔampɛ sɛ wobetie no sɔre tiaa Yesu. Na nnipakuw no nso ɛ? Ɛdɛn, ‘ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa wɔn ho dwiriw wɔn.’ Nnipa a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere no no san bɛkae sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.”—Mateo 7:28; Yohane 7:46.
Sɛ worehwehwɛ nokware no ne nea ɛyɛ Onyankopɔn kwan na ɛyɛ wo pɛ sɛ wode n’Asɛm no bedi dwuma wɔ w’asetra mu a, wubenya nokware gyidi. Yesu kae sɛ: “Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.” “Minim me [nguan], na me [nguan] nso nim me.” “Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi.” “Obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.”—Mateo 5:6; Yohane 10:14, 27; 18:37.
Gyidi yɛ aba a Onyankopɔn honhom kronkron no sow. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ wobɔ mpae hwehwɛ nimdeɛ a edi mũ ne gyidi, na wobɔ mmɔden ankasa sɛ wubenya na wode atra ase a, Onyankopɔn bɛboa wo. Yesu kae sɛ: “Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.”—Mateo 7:7.
Sɛ wowɔ ɔhaw bi a ɛho hia sɛ wudi ho dwuma mpo a, Onyankopɔn bɛboa wo. Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no se: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.
Onyankopɔn ‘hu nea ɛwɔ komam.’ (1 Samuel 16:7) Sɛ worehwehwɛ nokware no ne trenee, na sɛ ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛyɛ ade wɔ ne kwan a ɛteɛ no so a, onim. Sɛ wobɛn Onyankopɔn a, ɔbɛbɛn wo.—Yakobo 4:8.
So woyɛ onipa a ɔte saa? So worehwehwɛ nokware gyidi ankasa? So woate Agya no nkyerɛkyerɛ no na woabue wo adwene mu ama? So woasua na woagye atom? Na sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne Onyankopɔn trenee akwan no behyia no, so woasiesie nneɛma a ebia na ɛyɛ ɔhaw ahorow wɔ w’asetra mu no?
Sɛ saa a, wubetumi anya nkuranhyɛ wɔ Yesu asɛm no mu, sɛ: “Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.”—Yohane 6:45.
Wohu ɔsoro Agya no nkyerɛkyerɛ no wɔ, nhoma bi a ɛda nsow mu. Afei ma yensusuw bo a ɛsom ne sɛnea ebetumi akã yɛn gyidi no ho.
[Kratafa 6 adaka]
Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu
Kristofo a wɔyɛ afoforofo ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw betumi atɔ asiane mu. Nokwarem no, yɛn nyinaa nso saa ara. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ankasa gyidi ho ban na yɛyɛ den wɔ afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔahyɛ wɔn ho den honhom mu no mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Osuani Yuda rekyerɛ ɔkwan biako no, ɔkyerɛwee sɛ: “Adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae honhom kronkron mu mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.”—Yuda 20, 21.