Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 10/1 kr. 30-31
  • ‘Wɔkae Wɔn Bɔfo No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔkae Wɔn Bɔfo No’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 10/1 kr. 30-31

‘Wɔkae Wɔn Bɔfo No’

Mmofra baahe na wɔde honhom mu nneɛma di kan wɔ wɔn asetra mu? Wɔ aman binom so no ebia nea ɛwɔ hɔ ne mmarima anaa mmea a wɔyɛ nhyehyɛe fi adi, ware a wɔware ntɛm, abusua anaa wiase nnwuma ahorow mu asɛyɛde ahorow a ɛba bɛyɛ adesoa wɔ wɔn so ntɛm. Nanso so ɛsɛ sɛ Kristofo nkumaa fa ɔkwan a ɛte sɛɛ so? Nneɛma pii wɔ hɔ a mmerante ne mmabaa a wɔyɛ ahokwafo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ afɔre betumi anya mu anigye bere a ‘wɔkae wɔn Bɔfo Kɛse’ no wɔ wɔn mmerante anaa mmabaabere mu no.​—Ɔsɛnkafo 12:1.

Sɛ nhwɛso no, Yokohama a ɛwɔ Japan na Yutaka a ɔne ne nua kumaa Keisuke ne Ɔdansefo kwampaefo bi suaa ade wɔ. Saa bere no na wadi mfirihyia akron. Adapɛn kakraa akyi no wɔn na huu nsakrae kɛse a aba wɔ mmarimaa baanu no asetra mu bere a wofii ase de Kristofo nnyinasosɛm ahorow dii dwuma no. Enti ɔne ne mma no afoforo baasa nso fii ase suaa ade. Bere a wɔn agya huu anigye a n’abusua no renya wɔ wɔn Bible adesua no mu no, ɔno nso bɛkaa ho, na ankyɛ na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu.

Bere a Yutaka adi mfirihyia du no ɔde ne ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu. Wakɔ so ayɛ eyi wɔ nea ɛboro mfirihyia ason mu, fi bere a ɔkɔ mfitiase sukuu akodu mprempren a ɔkɔ ntoaso sukuu no. Ɔde bere pii asi hɔ a ɔde yɛ Ahenni adwuma no anɔpa de di nnipa a wɔretwam adanse wɔ keteke gyinabea a ɛwɔ wɔn hɔ no. Esiane sɛ ɔmpɛ sɛ watch a dɔn wɔ ho a etumi nyan obi wɔ bere a ɔpɛ sɛ ɔsɔre mu no bɛhaw abusua no mufo a wɔaka no nna nti, ɔde ahama kyekyere ne nsa na ogyaw nkae no mu sensɛn ne mfɛnsere no akyi. Nea ɔne no yɛ akwampaefo boafo adwuma no bɛba abɛtwe wɔ bere a ɔpɛ no mu. Bere a wayɛ akwampaefo boafo adwuma boro mfirihyia ason no, Yutaka du ne botae a ɛne daa akwampaefo adwuma no ho wɔ September 1983 mu. Owiee ntoaso sukuu March 1984.

Yasuko wɔ n’afe a ɛto so abien mu wɔ ntam sukuu mu wɔ Takatsuki a ɛwɔ Japan. Ɔyɛ ofie Bible adesua ahorow ason dapɛn biara​—baanum yɛ ne mfɛfo sukuufo na baanu yɛ n’akyerɛkyerɛfo. Bere a Japan Yɛn Ahenni Som bɔɔ n’asɛm yi ho amanneɛ no, ɔde kyerɛɛ n’akyerɛkyerɛfo no na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ mprempren a wɔatintim asɛm no agu krataa so yi, ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sua no yiye.

Wɔn a ‘wɔkae wɔn Bɔfo Kɛse’ no bere a wɔyɛ mmofra denam akwampae adwuma anaa ɔsom adwuma no foforo a woyɛ no nnam so bere nyinaa so no tumi nya “agya no dɔ” a ɛyɛ ade a ɛho hia a ɛsen biribiara a wiase yi betumi de ama no. Ampa, “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra ho daa.”​—1 Yohane 2:15-17.

November Da Biara Daa Asɛm

(wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena