Mmuae A Nyansa Wom
Abofra bi a ɔkɔ sukuu wɔ Sierra Leone akyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ asɔre a wɔyɛ no bi. Obuae sɛ ɔkɔ nhyiam ahorow wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so dedaw na afei ɔkaa nneɛma ahorow a wasua wɔ nhyiam horow yi ase no kyerɛe. Nkyerɛkyerɛ biako a ɔkyerɛkyerɛɛ mu ne sɛnea Onyankopɔn Ahenni de asomdwoe bɛba asase so na ayi ɔyare ne owu afi hɔ no.—Adiyisɛm 21:3, 4
Obisaa n’akyerɛkyerɛfo no sɛ: “So munim eyi ho asɛm?” Wobuae sɛ, “Dabi.”
Ɔtoaa so sɛ: “Eyi, ne nneɛma afoforo pii na masua wɔ Ahenni Asa so a mekɔ no mu. Enti minhu nea enti a ɛsɛ sɛ mekɔ asɔre wɔ faako a, wonnim saa nsɛm yi no.”—Mateo 21:16.