“Ɛyɛ Asetra Mu Ɔhaw Ahorow Ano Aduru A Ɛyɛ Adwuma Ntɛm”
Saa na ɔkenkanfo biako kaa Happiness—How to Find it nhoma no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛɛ “Bere a makenkan nhoma no nyinaa awie no, mahu sɛ ɛyɛ nea aba wɔ ne bere mu, ɛsom bo kɛse, emu nsɛm no ye na ɛyɛ asetra mu ɔhaw ahorow ano aduru a ɛyɛ adwuma ntɛm.
“Ti ahorow anan a edi kan no ma nnipa a wonnye Onyankopɔn nni ne adannandifo nya biribi susuw ho, ti ahorow dumien a ɛwɔ mfinimfini no yɛ awerɛhow ne ɔhaw ahorow ano aduru . . . ti ahorow anan a etwa to no ma asɔfo ne asɔrekɔfo nya biribi susuw ho.
“Wɔn a wɔne me akenkan nhoma no nyinaa betumi ahu nea mahu no—Bible no yɛ nhoma a eye. Bible no ye ma mmere horow nyinaa.”
Wo nso saa nhoma a ekura nkratafa 192 yi ho betumi aba wo mfaso. Ɛde afotu a eye sen biara ma wɔ ɔhaw ahorow a ɛfa sikasɛm, ɔbarima ne ɔbea nna, abusua, ɔyare ne owu ho.
Mesrɛ mo momfa nhoma Happiness—How to Find It no biako mmana me. Mede ¢40 ahyɛ mu de retua ka.