Ɛma Honhom Mu Nkɔso
Ná wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa Chinani bea bi a ɔte Engiresi Aburokyiri a Borɔfo kakraa bi pɛ na ɔte ma wasua Bible mu nkyerɛkyerɛ horow. Ɔkyerɛkyerɛfo no bɔ amanneɛ sɛ: “Ná minnya nkɔso titiriw biara. Afei awuraa no adamfo a ɔwɔ Australia de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a ɛwɔ Chinese kasa mu manae. Afei ɔbea no ho pere no sɛ ɔbɛba yɛn nhyiam horow no wasua pii. No ɔte nneɛma ase yiye esiane nsɛm a wɔka ma emu da hɔ wɔ nhoma no mu no nti. M’ani agye pii. Ɛdenam nhoma yi so no nkɔso kɛse bae a annye mmɔdenbɔ biara wɔ me fam.”
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm kura Bible mu nsɛm ahorow 116 a ɛma ɔkenkanfo no hu nea Bible no ka. Wɔatintim no bɛboro kasa horow 50 mu. Wubetumi anya nhoma a ɛsom bo a ekura nkratafa 256 yi bi denam kratasin a ɛwɔ ase ha yi a wobɛhyehyɛ de amana no so.
Mesrɛ mo, momfa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no biako mmana me, mede ¢75 ahyɛ mu de retua ka. Sɛ wopɛ kasa foforo bi a nhoma yi wɔ mu a, wubetumi akyerɛ wɔ ha ‐‐‐‐‐‐.