Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 10/1 kr. 22-23
  • Bo A Nteɛso Som

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bo A Nteɛso Som
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 10/1 kr. 22-23

Bo A Nteɛso Som

Nnipa binom te nka sɛ tu a wotu ɔdebɔneyɛfo anaasɛ woyi no, sɛnea Yehowa Adansefo yɛ no, yɛ adeyɛ a emu yɛ den dodo. Bere a wɔatintim biribi a ɛfa asɛm no ho akyi no, Times a wɔyɛ wɔ St. Petersburg, Florida, no tintim ɔkenkanfo bi mmuae a ɔde rekɔma wɔn a “wosusuw sɛ ebia adansefo no adeyɛ no yɛ nea emu yɛ den kakra no.” Ɔkenkanfo no gye tom sɛ: “Wotuu me afe yi [April 1981]. . . . Mede me ho hyɛɛ nneyɛe ahorow a na minim sɛ Bible kasa tia mu, a mmara so bu ka ho. Midii atoro wɔ nneɛma ahorow yi binom ho na manyi ahonu adi.”

Ɔkenkanfo no daa no adi wɔ Yehowa Adansefo ho sɛ: “Wotu nkurɔfo esiane sɛ wonnu Onyankopɔn gyinapɛn horow a ɛkorɔn a wɔada no adi pefee wɔ ‘n’Asɛm’ mu no ho nti. Nea ɛba wɔn so no fi wɔn ankasa.” Ogyee eyi toom sɛ ɛyɛ nokware wɔ ne ho. “Sɛ ahyehyɛde afoforo yɛ ‘den’ te sɛ nea wɔte no a, anka nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya a wobu mmara so no bɛyɛ kakraa bi na enti ɛbɛma ɛyaw ne ɔhaw a ɛwɔ wiase yi mu ayɛ kakraa bi.”

Nanso nyamesom ahyehyɛde ahorow kakraa bi na wotumi nya akokoduru yɛ sɛnea wɔahyɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no wɔ abɔnefo a wonnu wɔn ho no ho: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!” (1 Korintofo 5:13) Adeyɛ yi tew Onyankopɔn din ho wɔ ahohorabɔ ho, ɛbɔ asafo no mufo fekubɔ pa ho ban na anidaso mu no, ɛbɛma ɔdebɔneyɛfo no asiesie n’akwan. Na nea ɛne no bɔ abira koraa no, sɛ́ “Kristo dɔ” no bɛka onipa a ɔte sɛɛ wɔ nkate mu, sɛnea ebinom ka no, Yesu ankasa kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ‘woyi’ onipa a onnu ne ho no.​—Mateo 18:15-17, The Living Bible.

Ɔkwan foforo so no, mfaso a ɛwɔ adeyɛ a. emu yɛ den yi mu no daa adi wɔ asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no mu. Saa onipa yi nuu ne ho na wɔasan agye no sɛ Yehowa Adansefo no mu biako.

November Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena