Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 11/1 kr. 8-9
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asomdwoe Nniso No
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Sɛnea Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛpɛ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ahenni No​—So Ɛyɛ Paara Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nnɛyi Atoro Adiyifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 11/1 kr. 8-9

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni No?

BERE a Yesu Kristo wɔ asase so no na n’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm na wakyerɛkyerɛ. Ɔkae bere bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Sɛnea wubetumi ahu wɔ ha no, Yesu somaa n’akyidifo no sɛ wɔnkɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma koro no ara. (Mateo 10:1, 7) Ɔkyerɛɛ n’akyidifo no mpo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”​—Mateo 6:10.

Dɛn ne saa Onyankopɔn Ahenni yi, na dɛn nti na ɛho hia saa? Wiɛ, wunim nea ɔhene yɛ. Ɔne obi a odi ɔman anaa asasesin bi so. Esiane sɛ ɔyɛ ɔhene nti, wɔfrɛ ne nniso no ahenni. Onyankopɔn Ahenni no nso yɛ nniso. Bible no ka ho asɛm sɛɛ so: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; ne nniso bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ Asomdwoe-hene; na ne nniso mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”​—Yesaia 9:6, 7, AV.

Saa ɔhene​—Ɔhenkɛse, Yehowa Nyankopɔn Babanin yi​—ne Yesu Kristo. Onyankopɔn apaw no sɛ ɔnyɛ N’Ahenni nniso no sodifo. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu sɛ na Onyankopɔn Ahenni no ne ɔsɛmpɔw titiriw wɔ Kristo som adwuma no mu no, susuw nea esii da a na ɔrebewu no ho hwɛ. Bible no bɔ yɛn amanneɛ sɛ nnipa no totoo Yesu ano sɛ: “Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wonnyi Kaesare tow, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.” Bere a Roma amrado Pontio Pilato tee eyinom no obisaa Yesu sɛ: “Wo ne Yudafo hene anaa?”​—Luka 23:1-3.

Yesu ammua Pilato asemmisa no tẽe na mmom ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.” (Yohane 18:36) Yesu maa mmuae wɔ saa kwan yi so efisɛ na n’Ahenni no renyɛ asase so de a nnipa amammuisɛm wom. Sɛ́ Onyankopɔn Hene no, na obedi tumi afi soro, na ɛnyɛ sɛ onipa bi a ofi asase so ahengua bi so.

So wohyɛɛ nea Onyankopɔn nniso no bɛma adɔɔso a ɛremma awiei no nsow wɔ Yesaia nhoma no mu? Yiw, asomdwoe. So afei wutumi hu nea enti a saa nniso no ho hia saa no? Nnipa nniso biara nni hɔ a ebetumi de asomdwoe a ɛtra hɔ daa aba; Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ saa. Yesu de n’asetra wɔ asase so kaa nokware ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ Onyankopɔn Ahenni ho no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ná ɛne n’asɛm titiriw. Ahenni no da so ara yɛ ɔsɛmpɔw a ɛho hia titiriw nnɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena