Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Dɛn na Hebrifo 1:7 kyerɛ bere a ɛka sɛ Onyankopɔn “yɛ n’abɔfo mframa ne n’asomfo ogyaframa” no?
Bere a ɔsomafo Paulo de abɔfo no retoto Onyankopɔn Ba no ho no, ɔkaa asɛm a ɛwɔ Hebrifo 1:7 no. Ná ɔreka asɛm a ɛwɔ Dwom 104 :4.
Esiane sɛ abɔfo nyinaa yɛ honhom abɔde a wonni honam nipadua horow nti, ɛda adi sɛ bere a nkyekyem ahorow no ka sɛ “ɔyɛ n’abɔfo mframa” no, na ɛnyɛ dekode a wɔde bɔɔ abɔfo no ho asɛm na ɛreka. Mmom no, ntease no fa nea “honhom” kyerɛ ankasa no ho. Mfitiase asɛmfua a wɔkyerɛ ase “honhom” (Hebri, ruahh; Hela, pneuma) no asekyerɛ ankasa ne “sɛ wɔhome anaa wohuw.” Sɛnea asɛm a wɔreka no te no, wotumi kyerɛ ase “mframa” anaa “adeyɛ tumi.” Enti, ɛda adi sɛ nea Hebrifo 1:7 ne Dwom 104:4 kyerɛ ankasa ne sɛ ɔma n’abɔfo a aniwa nhu wɔn no yɛ ahonhom dɔm anaa dɔm a wɔwɔ tumi kɛse wɔ ne som mu. Otumi de wɔn di dwuma nso sɛ “gyaframa,” anaa “ogya a ɛdɛw,” bere a ɔrema wɔadi ne sɛe atemmu ho dwuma.
October Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)