Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 5/1 kr. 3
  • Bible No​—So Ɛho Hia Yɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No​—So Ɛho Hia Yɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane
    Nyan!—1981
  • Nsɛmmɔnedi Ne Basabasayɛ A Ɛredɔɔso
    Nyan!—1980
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 5/1 kr. 3

Bible No​—So Ɛho Hia Yɛn?

“WƆRENTUMI nni wiase yi so yiye a Onyankopɔn ne Bible no nka ho.” Saa na George Washington a ɔyɛ Amerika ɔmampanyin a odi kan no kae. Wo ne no yɛ adwene? Susuw nea ɛrekɔ so nnɛ no ho.

Nneɛma bo a ɛkɔ soro: Efi bere a Wiase Nyinaa Ko II fii ase no, nea aman horow pii sika tumi tɔ no akɔ fam, sɛnea ebia wunim ma ɛyɛ yaw no. Sɛnea U.S. News & World Report kyerɛ no, “dɔla no kɔ a akɔ fam no ama nneɛma bo akɔ soro bɛyɛ ɔha biara mu 579, efi 1939.”

Akodi: Wiase nyinaa akodi abien a aba afeha yi mu no maa nnipa ɔpepedudu pii wuwui​—asraafo ne wɔn a wɔnyɛ asraafo. Efi 1945 besi 1978 no wokunkum asraafo ɔpepem aduonu anum wɔ akodi ahorow bɛyɛ ɔha aduonum mu. Mprempren, aman horow no sɛe bɛyɛ dɔla ɔpepepem 500 afe biara wɔ asraafo dwumadi ho, anaa bɛyɛ dɔla ɔpepem biako simma biara!

Awaregu: Wɔ Japan no, wogu aware simma anan biara. Wɔ Amerika no, aware abien biara mu biako gu. Wɔ Rusia no, ɛyɛ 100 biara mu 30. Eyinom da nea ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa adi.

Nsɛmmɔnedi: Nsɛmmɔnedi a emu yɛ den rekɔ anim wɔ aman ahorow ahorow so. Sɛ nhwɛso biako pɛ no, wɔ Amerika no wodi nsɛmmɔne a emu yɛ den anibu 24 biara. Wokum obi simma 23 biara, wɔto obi mmɔnnaa simma 9 biara, wowia ade anibu 58 biara. Na ɛte sɛ nea nsɛmmɔnedi ho wɔ mfaso, efisɛ nsɛmmɔnedi ɔha biara mu 19 pɛ na wotumi hu wɔn a wodii na wɔkyere wɔn.

Aduankɔm: Ɛwom sɛ aduan a wonya wɔ wiase nyinaa no akɔ anim bere nyinaa wɔ mfe 30 a abɛsen no mu de, nso nnipa pii wɔ hɔ a ɔkɔm de wɔn nnɛ sen bere biara. Bɛyɛ nnipa ɔpepem ahanum​—anaasɛ onipa biako wɔ nnipa baakron biara mu​—nnya aduan pa; na ɛte saa mpo wɔ aman a “wɔanya nkɔanim” no mu.

Nsɛm a emu yɛ den yi nyinaa wɔ hɔ na ɛkɔ anim, mmɔden a sikasɛm ho animdefo, amammuifo, aware ho afotufo, adwene ho aduyɛfo ne abenfo afoforo pii bɔ no nyinaa akyi. So ɛnna adi sɛ yɛn ankasa, ne wiase no nyinaa, hia akwankyerɛ a efi obi a ɔkorɔn sen onipa nkyɛn anaa?

Bible no ka sɛ ɛde akwankyerɛ a ɛte saa ma. Bible kyerɛwfo Dawid kae sɛ: “[Yehowa] honhom nam me so kasa.” (2 Samuel 23:2) Na ɔsomafo Petro de kaa ho sɛ, Bible mu adiyifo no, “sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.”​—2 Petro 1:20, 21.

Nanso, ebia wubehu sɛ, esiane sɛ nhoma bi ka sɛ efi Nyankopɔn nti no nkyerɛ sɛ ɛte saa. Enti ɛsɛ sɛ wopɛɛpɛɛ mu hwɛ: So adanse bi wɔ hɔ, adanse a edi mu bi wɔ hɔ, sɛ Bible no fi Onyankopɔn ampa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena