‘Ɛmfono Me Da’
Eyi ne asɛm a ɔyere fiehwɛfo bi kyerɛwee wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a wɔakyere agu hama so no ho. Nanso ogye toom sɛ: “Bere a midii kan tee sɛ wɔbɛkyere saa nsɛm no agu hama so no mansusuw sɛ ɛho bɛba mfaso. Misusuwii sɛ sɛ wutie no pɛnkoro a worennya hwee mfi mu bio. Nanso hwɛ mfomso a midii. Mitie no bere nyinaa. Ɛmfono me da efisɛ bere biara no minya biribi fi mu. . . .
“Bere a mereyɛ me fie adwuma no, m’ani gye ne tie ho na meyɛ ho mfonini wɔ m’adwene mu te sɛ nea me ne yɛn nuanom no wɔ afeha a edi kan no mu. Ɛtɔ da bi a ɛma nusu gu me bere a mete nka sɛ mebɛn yɛn nuanom a wɔtraa ase bere tenteenten no pɛɛ no.”
Afei wɔayɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa. Wɔayɛ album fɛfɛɛfɛ bi a wɔde ne nyinaa ahyehyem. Saa album a Hela Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ cassette so no nyinaa hyehyem no yɛ ¢270.
Mesrɛ mo, momfa album fɛfɛ a Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa a wɔakyere agu hama so (cassette 18) hyehyem no biako mmana me. Mede ¢270 ahyɛ mu.