Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Nyansa bɛn na ɛwom sɛ wobɛma wo ba akɔtra abusuafo a wɔyɛ wiasefo nkyɛn esiane sɛ wobetumi ama abofra no anya honam fam mfaso horow bi ara kwa nti?
Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ awofo wɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn mma, a honhom mu nneɛma a wohia a wɔde bɛma ka ho. Ɛbɛyɛ adeyɛ a nyansa nni mu sɛ okunu ne ɔyere a wɔyɛ Kristofo bebu ani agu saa adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn no so na wɔn ba anya ɔhonam fam nneɛma bi denam obusuani bi a ɔnyɛ Kristoni nkyɛn a ɔbɛtra so.
Aman horow bi so no ɛyɛ ade a wɔtaa yɛ sɛ wɔma abofra kɔtra abusuafo nkyɛn bere tenten. Mpɛn pii no awofo a wɔtete nkuraase a nhomasua hokwan nni hɔ pii no na wɔyɛ eyi. Wɔde abofra no kɔma abusuafo wɔ kurow kɛse mu (anaasɛ wɔma ɔkɔ sukuu bi a mmofra no tra sukuu hɔ) sɛnea ɛbɛyɛ na abofra no nhomasua akɔ anim anaasɛ n’ani abue. Mpɛn pii no wɔhwɛ kwan sɛ abofra no bɛyɛ ofie adwuma anaasɛ ɔbɛyɛ biribi de atua abusuafo a wɔagye no atra wɔn nkyɛn no ka.
Wosusuw sɛ saa nhyehyɛe yi de ɔhonam fam mfaso horow bi ba, nanso ebia ɛrenyɛ kɛse sɛnea ɛda adi no. Osuahu ada no adi mpɛn pii sɛ sɛ woyi abofra fi ne fie na wɔhyɛ no ma ofi n’awofo nkyɛn kɔtra n’abusuafo fie a, ɛhaw abofra no wɔ ɔkwan bi so. Mpɛn pii no, sɛ́ anka wobebu abofra no te sɛ mmofra afoforo a wɔaka wɔ fie hɔ no, wobu no sɛ akoa wɔ fie hɔ na wɔde nneɛma bi kame no. Sɛnea wubetumi ayɛ mfonini wɔ w’adwene mu no, awerɛhow ne abasamtu na ɛtaa ba bere a abofra te nka sɛ wɔreyɛ no ade a ɛmfata no. (Fa toto Genesis 27:30-41 ho.) Awerɛhow ne anigye a onni no betumi ahaw n’adesua, ɛwom sɛ ɔkɔ sukuu pa de. Enti so onya mfaso ankasa? Mmofra-bɔne-yɛ nso yɛ ade biako a ɛba bere a wɔde daa nteɛso a ɛsɛ sɛ n’awofo a wɔdɔ no de ma kame abofra no.
Afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu no boa ma yesiw awerɛhosɛm a ɛtete sɛɛ ano. Ne nyinaa mu no Bible hyɛ awofo nkuran sɛ wɔnhwɛ wɔn ankasa mma. Ampa, Yehowa Nyankopɔn nim sɛ nsɛm tebea horow a emu yɛ den betumi asɔre a ɛbɛma ɛho ahia sɛ nnipa afoforo a wɔnyɛ awofo hwɛ mmofra no.a Enti, otuu ne nkoa fo sɛ wɔmmoa mmofra a wonni agyanom anaasɛ mmofra a wɔn awofo baanu nyinaa awuwu ma wɔabɛyɛ nyisaa no. (Deuteronomium 14:28, 29; 16:9-14; 24:17-21; 26:12, 13; Dwom 10:14; Yakobo 1:27) Nanso nea Kyerɛwnsɛm no si so dua titiriw ne sɛ awofo bedi wɔn ankasa mma honam fam, honhom fam ne nkate fam ahiade ahorow ho dwuma.—Fa toto 1 Timoteo 5:8 ho.
Onyankopɔn tuu awofo fo wɔ ne nsɛm ho sɛ: “Momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu, ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 11:18, 19) So awofo betumi ayɛ saa sɛ wofi wɔn pɛ mu de wɔn mma kɔma abusuafo a wɔyɛ wiasefo bere tenten a? Dabi, ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tra na wɔatumi de nteɛso ne akwankyerɛ ama wɔn daa, na wɔama mmofra no anya tebea pa a wohia no. (Efesofo 6:4; Mmebusɛm 6:20) Ɛda adi pefee sɛ Kristoni abofra yiyedi a ɛtra hɔ kyɛ (anaasɛ nea ɛtra hɔ daa mpo) rennya nkɔso, sɛ wɔde no kɔma abusuafo a wɔyɛ wiasefo sɛ ɔntra wɔn nkyɛn nkɔ sukuu, ma honhom mu akwankyerɛ a obenya wɔ n’ankasa ne fie no bɔ no a. Kristofo a wɔwɔ asase so no nyinaa nim sɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, sɛ́ wɔbɛtete abofra ma wasom Yehowa no yɛ adwuma a ɛyɛ den, egye awofo akwankyerɛ bere nyinaa. Ɛda adi sɛ anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ nkonimdi bɛba no ano brɛ ase, sɛ woyi abofra fi Kristofo fie hɔ esiane ɔhonam fam mfaso horow bi ara kwa a obenya ntia.
Eyi fam no susuw Yesu a wɔtetee no wɔ Galilea akuraa a wɔfrɛ no Nasaret no nhwɛso no ho. Bere a wɔreyɛ osetie ama Onyankopɔn no, Yosef ne Maria maa Yesu traa wɔn nkyɛn wɔ Nasaret, faako a ‘onyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu’ no.—Luka 2:41-52.
Mprempren nneɛma nhyehyɛe yi si nhomasua ne sika fam nkɔso so dua. Wɔte sɛ awofo a wɔyɛ wiasefo keka nsɛm te sɛ, ‘Mempɛ sɛ me ba nyin bɛyɛ obi a wɔsomasoma no wɔ adwuma mu ara kwa.’ Nsusuwii a ɛte saa ara betumi aka awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ nhomasua ne ɔhonam fam mfaso horow ho. Nanso awofo a wɔwɔ Yehowa nyansa mu ahotoso de ‘nhyɛase pa a wɔn ba bɛto ama daakye, na waso nokware nkwa no mu’ bedi kan.—1 Timoteo 6:9, 19.
[Ase hɔ nsɛm]
a Tebea bi a ɛntɔ ka na eye awerɛhow ne nea ɛbaa abeawa bi a obi hyɛɛ no ne no dae ma onyinsɛnee no so no. Wɔn a asɛm no fa wɔn ho pɛɛ, abeawa no ne n’awofo, betumi asi nea ɛfata sɛ wɔyɛ ho gyinae esiane tebea horow a abofra no honam fam tebea ne ne nkate ka ho no nti. Wɔ tebea horow bi a ɛte sɛ eyi mu no wogyee akokoaa a wɔwoo no no toom na wɔde Kristo fo ntetee a ɔdɔ wom maa no wɔ abeawa no abusua mu. Wɔ nsɛm afoforo mu no wɔama kwan ma Kristofo awarefo foforo a wɔpɛ ɔba, na wobetumi ahwɛ no, afa no.
[Box on page 22]
“Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase. Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.”—Mmebusɛm 29:15, 17.