Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 3/1 kr. 6-7
  • Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Owu Ano Aduru Koro Pɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Anidaso Ankasa Wɔ Hɔ Ma W’adɔfo a Wɔawuwu No
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Yesu Wusɔre​—Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Owusɔre​—Ma Henanom, Ne Ɛhe?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 3/1 kr. 6-7

Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn

ƐWOM sɛ Onyankopɔn diyifo biara nni asase so nnɛ a ɔyɛ anwonwade a otumi nyan awufo de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsan de yɛn adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu bio.

Bere tiaa bi ansa na ɔrekɔ Nain, bere a Yesu wɔ Yerusalem a na ɔrekɔ akodi Yudafo Twam afahyɛ no wɔ fefɛw bere no mfiase hɔ wɔ 31 Y.B. mu no, ɔhyɛɛ awufo a wobenyan wɔn yi ho bɔ bi a ɛyɛ nwonwa. Ɛde besi saa bere no ɛda adi sɛ na onnyanee obiara. Nanso, ɔkae sɛ: “Sɛnea agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa. Na sɛnea agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu; na wama no tumi sɛ ommu atɛn nso, efisɛ ɔyɛ onipa ba. Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”​—Yoh. 5:21, 26-29.

Saa nyamesom mu asɔretiafo a na Yesu rekasa akyerɛ wɔn no annye no anni. Bere a efii ase trɛwee wɔ Yudea nyinaa sɛ Yesu anyan okunafo no babarima no wɔ Galilea no, wɔpowee sɛ wobegye adi. Nokwarem no, mfe abien akyi bere a Yesu nyan n’adamfo Lasaro no, wɔn bo fuwii kɛse na wɔyɛɛ ne wu ho nhyehyɛe. Wotuu “agyina sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ ne nti na Yudafo pii . . . kogyee Yesu dii.”​—Yoh. 12:10, 11; 11:38-53

Nanso, esiane sɛ ebinom a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu annye adanse bebrebe a na ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Onyankopɔn diyifo a wɔahyɛ ne ho nkɔm no antom no nyɛ nea enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ akyinnyegyefo nnɛ na yɛpow sɛ yebenya Yesu bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no mu gyidi. Yesu nsɛm no yɛ nea yebetumi de yɛn ho ato so! Obetumi ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no! Okunafo no ba no a onyan no no dii adanse sɛ obetumi ‘anyan wɔn a ɔpɛ.’

Enti, yɛwɔ biribiara nnɛ a enti yebetumi anya Yesu bɔhyɛ no mu ahotoso sɛ “wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” Adanse no kyerɛ sɛ bere a eyi bɛba no abɛn. Efi afe 1914 reba no, yɛahu nneɛma a Yesu Kristo ne n’asomafo no kae sɛ ɛbɛhyɛ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” agyirae no nyinaa mmamu wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu. Wiase nyinaa akodi, ɔkɔm, ɔyaredɔm, nsasewosow, nsɛmmɔnedi, asoɔdenyɛ​—eyinom nyinaa ne nea aba so nnɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn.​—Mat. 24:3-14; Luka 21:10, 11; 2 Tim. 3:1-5; 2 Pet. 3:3, 4.

Awiei no akyi no, owusɔre no bɛba wɔ asase so ha. Sɛ wokyerɛ gyidi a, ebia wobɛtra ase ahu. Hwɛ bere a anigye wom a eyi bɛyɛ! Hwɛ anigye ara a hyia a awufo a wɔanyan wɔn no ne wɔn adɔfo bɛsan ahyiam no bɛyɛ! Ɛno na bɔhyɛ no bɛbam: “[Onyankopɔn] bɛmene owu akosi daa, na [Yehowa] bɛpopa ani nyinaa so nusu.”​—Yes. 25:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena