Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 7/1 kr. 24
  • Onim Bible Mu Mmuae No Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onim Bible Mu Mmuae No Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 7/1 kr. 24

Onim Bible Mu Mmuae No Nyinaa

Ɔbea bi a ɔwɔ New York de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no biako kɔmaa awuraa bi a ɔne no kɔɔ sukuu a na waware rewo mma. Bere bi akyi no ɔbea no nsa kaa krataa fii awuraa a ɔne no kɔɔ sukuu no nkyɛn. Ɔkyerɛwee wɔ ne babea no ho sɛ:

“Elizabeth ani gye nhoma no ho dodo​—ɛno ara na ɔpɛ sɛ mekenkan kyerɛ no anadwo. Ɔma mekenkan nsɛm anum anadwo biara (efisɛ wadi mfe anum) , na dapɛn a etwaa mu no ne Kwasida sukuu kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ otumi de ne to Elizabeth so bere nyinaa sɛ obehu Bible mu nsemmisa ahorow nyinaa ho mmuae. Enti ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔte nea mmofra pɛ ase ankasa na ɔkyerɛwee.”

Ɔbea a ofi New York no kae wɔ awuraa a na ɔne no kɔ sukuu no ho sɛ: “Na eyi yɛ sɛnea ɔte nka ankasa, efisɛ ɔyɛ obi a ɔka n’asɛm penpen, na ɔrenkamfo nhoma no, sɛ n’ani nnye ho a.”

Yɛte nka sɛ wo nso w’ani begye nhoma fɛfɛ yi ho. Bible mu nsɛm ahorow 116 a ɛwɔ mu no ma ɔkenkanfo no hu nea Bible no ka. Wɔahyehyɛ nsɛm no sɛnea esisii wɔ abakɔsɛm mu no ankasa. Wubebu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wubehu bere a nsɛm ahorow sisii wɔ abakɔsɛm mu. Nhoma a ekura nkratafa 256 yi yɛ ₵20 pɛ. Kra bi nnɛ.

August Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena