“Mpaebɔ Ho Mmuae”
NOVEMBER 1978 mu no wogyaw kratawa bi a ekura nkratafa anan, “Ɔhaw mu Ahotɔ, So Ebetumi Aba Anaa?” wɔ Owurayere K——fie wɔ Framingham, Massachusetts. Akyiri yi Owurayere K——kyerɛw krataa brɛɛ Yehowa Adansefo Asafo ti no, na ɔkae wɔ krataa no mu sɛ:
“Owura anaa Awuraa Dɔfo,
“Mebaa fie awiabere yi bere a na makyin akɔsrasra asɔre ahorow hwehwɛ Onyankopɔn somfo bi ma wama me nsemmisa ahorow bi a mewɔ ho mmuae. Mebɔɔ mpae tiaa bi bisaa Awurade sɛ, ‘Ɛhe na menya obi ma wabɛkyerɛ me ne me babarima no Bible?’ Ná mo kratawa no hyɛ me pon ase. Ebia mobɛka sɛ ɛne no hyiae ara kwa, nanso minim sɛ ɛyɛ mpaebɔ ho mmuae efisɛ mentaa mmɔ mpae na menkɔ asɔre nso. Mepɛ sɛ me ba no nya asɔre bi na ɛbɛyɛ me anigye sɛ mobɛma mo asomfo no biako abebua nsemmisa ahorow bi na wɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible no.
“Mo adamfo nokwafo,
(Donna K——)”
Wɔsomaa ɔsomfo bi a ɔyɛ Yehowa Dansefo sɛ ɔnkɔboa Owurayere K——ne ne babarima no mma wɔnte Bible no ase wɔ wɔn fie a onnye wɔn hwee. Wo nso wubetumi anya mmoa a ɛte saa ara.
Ade a ebetumi aboa wo ma woate Bible no ase nso ne Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no bi a wobɛkra. Saa nsɛmma nhoma yi dan akenkanfo adwene kɔ Bible nkɔmhyɛ a ɛda no adi sɛ ɛrenkyɛ na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi aba awiei, ma Onyankopɔn asɛe no no mmamu so. Nanso wɔbɔ trenee nhyehyɛe foforo a, wɔ Onyankopɔn ahenni no nniso ase no, nnipa bɛtra ase daa wɔ asomdwoe, akwahosan ne anigye ankasa mu wɔ paradise asase so ho dawuru nso.
[ ] Mesrɛ mo, merekra “Ɔwɛn-Aban” ne “Nyan!” no afe biako. Mede ¢10 aka ho de retua ka.
[ ] Mɛpɛ sɛ mobɛma ɔsomfo bi a ne ho akokwaw abɛsra me, na wabɛboa me ma mate Bible no ase yiye, a mintua hwee.