Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 6/1 kr. 24
  • Sɛnea Wonyaa Abusua Asetra a Anigye Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wonyaa Abusua Asetra a Anigye Wom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 6/1 kr. 24

Sɛnea Wonyaa Abusua Asetra a Anigye Wom

Mfe bebree a atwam no, Yehowa Adansefo baanu​—awarefo baanu a na wɔreyɛ asɛnka adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ sɛ akwampaefo titiriw​—hyiaa abusua bi a wɔwɔ adamfofa su a wofi Czech a wɔte Switzerland. Na ɔyere no yɛ ɔkyerɛkyerɛfo na na ne kunu yɛ agumadifo a wɔhare ahyɛmma mu panyin. Na wɔn baanu no yɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na sɛ wɔte sɛ obi abɔ Onyankopɔn anaasɛ Bible din a, wɔserew. Nkɔmmɔbɔ bi akyi no, akwampaefo no gyaee sra a wɔsra wɔn no.

Nanso, akyiri yi, na asɛm bi wɔ “Ɔwɛn-Aban” mu a ɛfa obibini bi a na wanya dwetɛ abasobɔde sɛ mmirikatufo wɔ Olympic Akansi mu wɔ Tokyo ho. Ɔdansefo no (a saa bere yi na ne kunu awu no) kyerɛw sɛ:

“Mekaee awarefo a wofi Czech no, efisɛ na okunu no anya dwetɛ abasobɔde wɔ Olympic Akansi koro no ara mu. Enti mekɔsraa abusua yi bio. Nea edi kan no, yɛkaa aguma anaasɛ akansi ho asɛm na mitiei kɛkɛ. Wɔ nsrahwɛ afoforo mu no, mekaa Bible no ho asɛm mpɛn pii. Na wɔtaa fa nyansa kwan so twa m’asɛm no so sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, Owurayere​—. Wo werɛ afi sɛ yɛyɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.’ Nanso, mekɔɔ so sraa abusua yi. Ɔkwan bi so no, metee nka sɛ na biribi atoto kakra.

“Awiei koraa no, mihui sɛ na nsɛm bi haw wɔn wɔ wɔn aware no mu. Na wɔreka awaregyae ho asɛm dedaw. Enti, mifi Bible mu kyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so adi nsɛm a emu yɛ den a ɛtete saa so nkonim. Awarefo no ho dwiriw wɔn yiye wɔ afotu a ɛho wɔ mfaso a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho, na wɔpenee Bible adesua so. Wɔn aware no mu kɔɔ so yɛɛ den na wɔbɔɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam bi ase . . . ”

Ɛdenam nsu mu asubɔ so no, awarefo baanu yi yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Ɔretwe adwene akɔ honhom fam nkɔso pa a wɔanya wɔ wɔn asetra mu so no, ɔbarima no kae sɛ:

“Kan no na mempɛ sɛ mete asɛm ‘kronkron,’ ‘ɔbɔfo’ ne nsɛm afoforo a ɛtete saa. Na mempɛ sɛ mete. Na mempɛ sɛ mete biribi a ɛfa nhyiam horow ho. Nanso biribiara asakra. Mprempren yi, me bere nyinaa yɛ Onyankopɔn ne m’abusua de. Afei nso, ɛdefa nnamfo ho no, yɛayɛ nsakrae ahorow. Na mprempren yi, minim sɛnea Kristofo nhyiam horow ho hia. Bio nso, masua sɛnea megye agya asɛyɛde ato me ho so, na mprempren yɛwɔ abusua asetra a anigye wom. Mepɛ sɛ meda Yehowa Nyankopɔn ase bio sɛ ɔmaa yɛn ho kwan ma yesuaa sɛnea wɔbɔ mpae, ne sɛ, ɔde mmoa maa yɛn ansa na yɛrehwehwɛ n’akyi kwan.”

Nhoma “Making Your Family Life Happy” aboa afoforo nso. Nea ɛka emu ti ahorow no ho ne “Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba a Yɛbɛhwehwɛ,” “Nkɔmmɔbɔ Ho Kwan a Wɔbɛma Ada Hɔ” ne afoforo. Fa C2.40 pɛ mana na wo nsa bɛka nhoma a ɛsom bo a ekura nkratafa 192 yi biako afi Watch Tower, Box 760, Accra.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena